Paulo Nwoma A
Ɔtwerɛ Kɔmaa
Filemon
1
Nkyea
Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn,
 
Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon ne asafo a wɔhyia wɔ wo fie no ne yɛn nuabaa Apia ne yɛn yɔnko ɔsraani Arkipo no:
 
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
 
 
Onua Filemon, ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mebɔ bi ma wo na meda me Onyankopɔn nso ase. Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no. Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa. Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.
Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ, nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei, 10 meresrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba ɛberɛ a na meda afiase no. 11 Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo.
12 Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn. 13 Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me. 14 Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so. 15 Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn ɛberɛ tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye no ato mu bio afebɔɔ. 16 Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu.
17 Enti, sɛ wodwene me ho sɛ wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara. 18 Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, mɛtua wo ka. 19 Me Paulo, mede mʼankasa me nsa retwerɛ sɛ mɛtua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfiri sɛ wo nso wode me ka, a ɛyɛ wʼankasa wo nkwa. 20 Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade enti, yɛ me saa adɔeɛ yi; ka mʼakoma hye sɛ wo nua wɔ Kristo mu. 21 Mewɔ anidasoɔ sɛ, deɛ meretwerɛ wo yi, wobɛyɛ ama aboro deɛ merebisa wo yi so.
22 Afei pɛ ɛdan ma me, ɛfiri sɛ, menim sɛ Onyankopɔn bɛtie mo mpaeɛbɔ ama mabɛka mo ho bio.
 
 
23 Epafra a Kristo Yesu enti ɔne me da afiase no kyea wo.
24 Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyea wo.
 
25 Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.