10
Salomo Mmɛbusɛm
Salomo mmɛbusɛm:
Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye,
na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.
 
Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ,
nanso tenenee gye onipa firi owuo mu.
 
Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni
na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu.
 
Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,
nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.
 
Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ
na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.
 
Teneneefoɔ hyɛ nhyira kyɛ
na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.
 
Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira,
na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ.
 
Akoma mu nyansafoɔ tie ɔhyɛ nsɛm,
na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.
 
Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo,
na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
 
10 Deɛ ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba,
na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.
 
11 Ɔteneneeni anom yɛ nkwa asutire,
na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.
 
12 Ɔtan hwanyan mpaapaemu,
nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.
 
13 Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom,
na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi.
 
14 Anyansafoɔ kora nimdeɛ,
nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ.
 
15 Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,
nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ.
 
16 Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn,
na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn.
 
17 Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan,
na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.
 
18 Deɛ ɔkata nitan soɔ no yɛ ɔtorofoɔ,
na deɛ ɔdi nsekuro no yɛ ɔkwasea.
 
19 Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu,
na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.
 
20 Ɔteneneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa
nanso omumuyɛfoɔ akoma nni boɔ.
 
21 Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane,
na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu.
 
22  Awurade nhyira de ahonya ba,
na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.
 
23 Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea,
nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu.
 
24 Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so;
na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn.
 
25 Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera,
nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
 
26 Sɛdeɛ nsã kekakeka ka ɛse, na wisie kɔ ani no,
saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ ma wɔn a wɔsoma noɔ.
 
27  Awurade suro ma nkwa tenten,
nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so.
 
28 Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba,
nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee.
 
29  Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni,
nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne.
 
30 Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da,
nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so.
 
31 Nyansa firi teneneeni anom ba
nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene.
 
32 Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata
na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.