12
Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ,
na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.
 
Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom,
na Awurade bu onifirani fɔ.
 
Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,
na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.
 
Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ,
nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.
 
Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ,
na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa.
 
Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya,
na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.
 
Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera,
nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.
 
Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ
na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.
 
Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ,
sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane.
 
10 Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ,
na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.
 
11 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree,
na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.
 
12 Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ,
nanso ɔteneneeni ase dɔre.
 
13 Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie,
nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.
 
14 Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma
sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.
 
15 Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so,
na ɔnyansafoɔ tie afotuo.
 
16 Ɔkwasea bo nkyɛre fu,
nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.
 
17 Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo,
na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.
 
18 Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena
nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.
 
19 Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,
na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.
 
20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,
na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.
 
21 Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,
nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.
 
22  Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ,
na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.
 
23 Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro
na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.
 
24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,
nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.
 
25 Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto,
nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.
 
26 Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu,
nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.
 
27 Onihafoɔ ntoto ne hanam,
nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.
 
28 Tenenee kwan mu wɔ nkwa;
na owuo nni saa ɛkwan no so.