30
Agur Nsɛm A Ɔkaeɛ
Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ:
Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:
 
“Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu,
menni onipa nteaseɛ.
Mensuaa nyansa,
na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.
Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?
Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?
Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?
Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?
Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?
Sɛ wonim a ka kyerɛ me!
 
 
“Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ;
ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.
Mfa biribi nka nʼasɛm ho,
anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.
 
“Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn;
mfa nkame me ansa na mawu:
Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu;
mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ;
nanso ma me deɛ medi daa.
Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo
na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’
Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno,
na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.
 
10 “Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura;
sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.
 
11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom,
na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;
12 Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so
a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;
13 wɔn a wɔn ani tra ntɔn,
na wɔbu animtiaa;
14 wɔn a wɔn se yɛ akofena
na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan
wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so,
na woayi onibie afiri adasamma mu.
 
15 “Amemem wɔ mmammaa mmienu
a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’
 
“Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da.
Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’
16 Damena,
obonini awotwaa,
asase a ɛyɛ wesee daa,
ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’
 
17 “Ani a ɛyi agya ahi,
na ɛbu ɛna animtia no,
bɔnhwa ho anene bɛtutu,
na apete abɛdi.
 
18 “Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa,
ɛnan na mente aseɛ:
19 Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem,
sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so,
ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so,
ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.
 
20 “Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie:
Ɔdidi, ɔpepa nʼano
na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’
 
21 “Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso,
ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano:
22 akoa a wabɛyɛ ɔhene,
ɔkwasea a wadidi amee,
23 ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ,
afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.
 
24 “Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so,
nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa:
25 Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden,
nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;
26 Nkukuban*—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden,
nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,
27 ntutummɛ nni ɔhene,
nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim;
28 wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ,
nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.
 
29 “Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ,
ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn:
30 gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu;
31 akokɔnini a ɔretutu taataa,
ɔpapo,
ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia.
 
32 “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so,
anaa woadwene bɔne a,
ma wʼani nwu na mua wʼano!
33 Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu ba
na wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no,
saa ara na abufuo de akasakasa ba.”
* 30:26 30.26 Nkukuban yɛ nnanko mu ahodoɔ bi a, wɔtena akuakuo wɔ mmepɔ mu.