4
Nyansa Boro Biribiara So
Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ;
monyɛ aso na moanya nteaseɛ.
Mema mo adenim a ɛkɔ anim,
enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.
Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie,
meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no,
ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ,
“Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm
di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.
Nya nyansa, nya nteaseɛ;
mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.
Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;
dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.
Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.
Di no nni na ɛbɛpagya wo;
yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.
Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so
na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.”
10 Me ba, tie na fa deɛ meka no,
na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
11 Mɛkyerɛ wo nyansakwan
na mede wo afa akwan a ɛtene so.
12 Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ
na sɛ wotu mmirika a, worensunti.
13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu
bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.
14 Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so
na nnante abɔnefoɔ kwan so.
15 Kwati no, ntu kwan mfa so;
dane firi so na kɔ wo baabi.
16 Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne;
na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.
17 Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane,
na basabasayɛ yɛ wɔn nsa.
 
18 Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan,
ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.
19 Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii;
wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.
 
20 Me ba, yɛ aso ma deɛ meka;
tie me nsɛm no yie.
21 Mma ɛmfiri wʼani so,
fa sie wʼakoma mu;
22 ɛfiri sɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu
ne akwahosan ma onipadua no nyinaa.
23 Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban,
ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.
24 Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano;
mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.
25 Hwɛ wʼanim tee,
na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so.
26 Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan
na fa akwan a atim so.
27 Mmane mfa nifa anaa benkum;
twe wo nan firi bɔne ho.