7
Ɔbaawaresɛefoɔ Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, fa me nsɛm sie
na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.
Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa;
bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.
Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;
twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.
Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,”
na frɛ nteaseɛ wo busuani;
Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho,
afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.
 
Me fie mpomma ano
mede mʼani faa ntokua mu.
Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu,
mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso,
ɔbabunu a ɔnni adwene.
Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so
a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie
ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ,
na animu rebiribiri no.
 
10 Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a
wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.
11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,
ɔntena efie koraa;
12 ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem,
ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)
13 Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano
wamfɛre, na ɔkaa sɛ,
 
14 “Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie;
ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.
15 Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo;
mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!
16 Mato me mpa
mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.
17 Mede nnuhwam apete me mpa so:
kurobo, pɛperɛ ne sinamon.
18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;
19 Me kunu nni efie;
watu kwan na ɔbɛkyɛre.
20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma
na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”
 
21 Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn;
ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.
22 Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ
te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ,
anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu
23 kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu,
te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu
na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
 
24 Na afei, me mma, montie me;
monyɛ aso mma deɛ meka.
25 Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so
na mommane mfa nʼakwan so.
26 Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase;
wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
27 Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a
ɛkɔ owuo mpia mu.