Dwom 112
Monkamfo Awurade.
 
Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade
na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii.
 
Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so;
teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira.
Ahonya ne sika wɔ ne fie,
na ne tenenee tena hɔ daa.
Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene,
ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ.
Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa.
Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so.
 
Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da;
wɔbɛkae onipa tenenee daa.
Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu;
nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu.
Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro;
awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ.
Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ,
ne tenenee wɔ hɔ daa;
wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam.
 
10 Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea,
ɔbɛtwere ne se na wafɔn;
omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.