Dwom 116
Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne.
Ɔtee me mmɔborɔhunu su.
Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti,
mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi.
 
Owuo nhoma kyekyeree me,
ɛda ho ahometeɛ baa me so,
ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so.
Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ,
“Ao Awurade, gye me nkwa!”
 
Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;
ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.
Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;
ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.
 
Nya abotɔyam bio, Ao me kra,
ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.
 
Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu;
woamma mʼani amporo nisuo,
na woamma me nan ansunti,
sɛ mɛnante Awurade anim
wɔ ateasefoɔ asase so.
 
10 Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ,
“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”
11 Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ,
“Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.”
 
12 Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka
wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?
 
13 Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so
na mabɔ Awurade din.
14 Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.
 
15 Nʼahotefoɔ wuo
yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.
16 Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ;
meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima;
wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.
 
17 Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo
na mabɔ Awurade din.
18 Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,
19 wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie
wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem.
 
Monkamfo Awurade.