Dwom 120
Ɔsoroforɔ dwom.
Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,
na ɔgye me so.
Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano
ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
 
Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo,
na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma?
Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam
ne gyasramma bɛtwe wʼaso.
 
Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek,
na mete Kedar ntomadan mu!
Matena ase akyɛre dodo
wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu.
Meyɛ asomdwoeɛ onipa;
nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.