Dwom 29
Dawid dwom.
Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ,
momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.
Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no;
monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.
 
Awurade nne wɔ nsuo no so;
animuonyam Onyankopɔn bobom,
Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so.
Awurade nne mu wɔ tumi;
Awurade nne mu wɔ animuonyam.
Awurade nne bubu ntweneduro;
Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete.
Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba,
na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.
Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre
Awurade nne woso ɛserɛ so;
Awurade woso Kades serɛ.
Awurade nne kyinkyim adum
na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa.
Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ,
“Animuonyam nka Onyankopɔn!”
 
10  Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so;
wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.
11  Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden,
na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.