Dwom 31
Dawid dwom.
Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea;
mma mʼanim ngu ase;
firi wo tenenee mu gye me.
Yɛ aso ma me,
bra ntɛm bɛgye me;
yɛ me banbɔ botan,
aban a mʼatamfoɔ nsa renka me.
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti,
wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
Gye me firi afidie a wɔasum me no mu,
ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea.
Wo nsam na mede me kra hyɛ;
gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ.
 
Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo;
mede me ho to Awurade so.
Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu,
ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehunu
na wonim me kra mu haw.
Woamfa me amma ɔtamfoɔ no
mmom wode me nan asisi petee mu.
 
Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me;
awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu
ɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ.
10 Ateeteeɛ rete me nkwa so
na abooboo te me mfeɛ so;
ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ fam
na me nnompe nso ahodwo.
11 Mʼatamfoɔ nyinaa enti,
mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;
nnipa a wɔnim me suro me,
na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane.
12 Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo;
mayɛ sɛ kukuo a abɔ.
13 Mete dodoɔ no nsekuro.
Ahunahuna atwa me ho ahyia.
Wɔrepam me tiri so
na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me.
 
14 Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade;
meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.”
15 Me mmerɛ wɔ wo nsam
gye me firi mʼatamfoɔ
ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
16 Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ;
gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu.
17 Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade,
ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo;
mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase
na wɔnna wɔn damena mu komm.
18 Mua atorofoɔ ano,
ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo
kasa tia teneneefoɔ.
 
19 Wo papayɛ dɔɔso,
ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no;
ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no
wɔ nnipa anim.
20 Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu
firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho;
wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo
firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho.
 
21 Ayɛyi nka Awurade!
Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me
ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu.
22 Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ:
“Woayi wʼani me so!”
Nanso wotee me mmɔborɔ su
ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no.
 
23 Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa!
Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so,
na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
24 Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,
mo a mowɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu nyinaa.