Dwom 35
Dawid dwom.
Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie;
ko tia wɔn a wɔko tia me.
Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu;
na sɔre bra bɛboa me.
Twe pea ne abonnua
wɔ wɔn a wɔtaa me so
ka kyerɛ me kra sɛ,
“Mene wʼagyenkwa.”
 
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no
ma wɔn anim ngu ase;
wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ no
ma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.
Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo
wɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn.
Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro,
na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so.
Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa
na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti
ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu
na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn,
na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe.
Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu
na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu.
10 Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ,
“Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade?
Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam
ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.”
 
11 Adansekurumfoɔ sɔre;
wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm.
12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka
na wɔma me kra yɛ basaa.
13 Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma
na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase.
Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no,
14 mekɔɔ so twaa adwo
sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.
Mede awerɛhoɔ sii me ti ase
te sɛ deɛ meregyam me maame.
15 Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano;
ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim
na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da.
16 Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu;
wɔtwɛree wɔn se guu me so.
17 Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn?
Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu,
gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.
18 Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;
wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ.
 
19 Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no
nhwɛ me haa nsere.
Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no
mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.
20 Wɔnnkasa asomdwoeɛ so,
na mmom, wɔde ntwatosoɔ
tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.
21 Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane,
yɛde yɛn ankasa ani ahunu.”
 
22 Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano.
Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade.
23 Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban!
Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade.
24 Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn;
mma wɔn nhwɛ me haa nsere.
25 Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!”
anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.”
 
26 Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no
nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no
nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ.
27 Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no
mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam
ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so,
ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.”
28 Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee
ne wʼayɛyie da mu nyinaa.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.