Dwom 37
Dawid dwom.
Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti;
mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne;
Wɔte sɛ ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye,
wɔte sɛ dua mono, ɛnkyɛre na awu.
 
Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.
Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ.
Ma wʼani nka Awurade ho
na woama wo deɛ wʼakoma pɛ.
 
Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;
na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyeeɛ,
na wʼatɛntenenee ayɛ sɛ owigyinaeɛ.
 
Yɛ komm wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no,
nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho
ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.
 
Mma wo bo mfu, na gyae abufuhyeɛ;
nha wo ho, ɛkɔwie bɔne nko ara.
Wɔbɛtwa nnebɔneyɛfoɔ agu,
nanso wɔn a wɔn ani da Awurade soɔ no,
wɔbɛnya asase no adi so.
 
10 Ɛrenkyɛre, nnebɔneyɛfoɔ bɛyera.
Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhunu wɔn.
11 Nanso ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi so
na wɔanya asomdwoeɛ mmorosoɔ.
12 Amumuyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne tia ateneneefoɔ
na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;
13 nanso, Awurade sere amumuyɛfoɔ,
na ɔnim sɛ wɔn nna abɛn.
 
14 Amumuyɛfoɔ twe akofena
na wɔkuntunu wɔn tadua mu
sɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ,
sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene.
15 Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu,
na wɔn tadua mu abubu.
 
16 Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo
sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya;
17 ɛfiri sɛ, amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa
nanso Awurade bɛwowa ateneneefoɔ.
 
18  Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,
na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.
 
19 Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ.
Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so.
20 Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera.
Awurade atamfoɔ bɛyɛ te sɛ wiram nhwiren;
wɔbɛtu ayera sɛ wisie.
21 Amumuyɛfoɔ pɛ bosea, na wɔntua,
nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma;
22 Wɔn a Awurade ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so,
na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu.
 
23 Awurade ani sɔ onipa akwan a,
ɔma nʼanammɔntuo si pi.
24 Sɛ ɔsunti a ɔrenhwe ase,
ɛfiri sɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.
 
25 Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa,
na menhunuu ɔteneneeni a Awurade apa nʼakyi
anaasɛ ne mma resrɛ aduane.
26 Ɛberɛ biara ɔyɛ adɔeɛ, na ɔde fɛm kwa;
na ne mma bɛnya nhyira.
 
27 Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa
na wobɛtena asase no so afebɔɔ.
28 Ɛfiri sɛ, Awurade pɛ deɛ ɛtene,
na ɔrennya ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ no.
 
Wɔbɛnya banbɔ daa nyinaa
Nanso, amumuyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn agu.
29 Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi so
na wɔatena so afebɔɔ.
 
30 Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm,
na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene.
31 Ne Onyankopɔn mmara wɔ nʼakoma mu;
ne nan nnwatiri.
 
32 Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ
hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn,
33 nanso, Awurade nnyaa wɔn mma wɔn
na ɔremma wɔmmu wɔn kumfɔ wɔ asɛnniiɛ.
34 Montwɛn Awurade
na monhwɛ nʼakwan.
Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;
sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu.
 
35 Mahunu omumuyɛfoɔ a ɔyɛ basabasa
sɛ ɔredi yie sɛ dua mono a ɛsi asase pa soɔ,
36 nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio;
mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.
 
37 Susu deɛ ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ deɛ ɔtene;
na asomdwoeɛ onipa bɛnya asetena pa daakye.
38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ nyinaa;
na wɔbɛtɔre wɔn asefoɔ ase.
 
39 Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Awurade
ɔne wɔn aban wɔ amanehunu berɛ mu.
40  Awurade boa wɔn na ɔgye wɔn;
ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa,
ɛfiri sɛ wɔhinta wɔ ne mu.