Dwom 39
Dawid dwom.
Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yie
na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;
mɛto mʼano nnareka
ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.
Nanso brɛ a meyɛɛ komm
a manka asɛm papa biara mpo no
mʼapinisie mu yɛɛ den.
Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu
na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu
na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ:
 
“Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ
ne me nna dodoɔ;
ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.
Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ;
na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so.
Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ.
Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa;
ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa;
ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.
 
“Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ?
Mʼanidasoɔ wɔ wo mu.
Gye me firi me bɔne nyinaa mu;
mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ.
Meyɛɛ komm, na mammue mʼano
ɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei.
10 Yi wʼasotwe firi me so;
wo nsa ano amanehunu amene me.
11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho;
wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboa
onipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ.
 
12 “Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,
tie me sufrɛ;
nsi wʼaso wɔ me su ho
Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ,
sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.
13 Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio
ansa na mafiri ha a mente ase bio.”
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.