Dwom 5
Dawid dwom.
Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛm
na dwene mʼapinisie ho.
Tie me mmoa ho sufrɛ,
me Ɔhene ne me Onyankopɔn,
ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.
Ao, Awurade, wote me nne anɔpa;
anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim
na mede anidasoɔ twɛn.
 
Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;
na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.
Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim;
wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.
Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm;
Awurade kyiri
mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.
 
Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti,
mɛba wo fie;
na anidie mu na mɛkoto
akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.
Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan
wɔ wo tenenee mu
mʼatamfoɔ enti,
bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.
Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ;
ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma.
Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue
wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
10 Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!
Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ.
Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti,
ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.
 
11 Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye;
ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa.
Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so,
na wɔn a wɔdɔ wo din no
ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
12 Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ;
na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so.