Dwom 55
Dawid “maskil” dwom.
Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ,
mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
tie me na gye me so.
Me dadwene ha me na ama mayɛ basaa,
wɔ deɛ mʼatamfoɔ reka
ne sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti;
wɔde amanehunu brɛ me;
na wɔde abufuo sopa me.
 
Mʼakoma wɔ ahoyera mu;
na owuo huboa aba me so.
Ehu ne ahopopoɔ akyekyere me.
Ahodwirie abu afa me so.
Mekaa sɛ, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo a,
anka mɛtu akɔ ama me ho atɔ me,
anka mɛtu akɔ akyirikyiri
akɔtena ɛserɛ so;
anka mɛyɛ ntɛm akɔ mʼahintaeɛ,
baabi a mframaden ne ahum mmɛn koraa.”
 
Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto,
ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu.
10 Awia ne anadwo wɔtetɛ nʼafasuo ho;
adwemmɔne ne nsisie wɔ mu.
11 Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu.
Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa.
 
12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a,
anka mɛtumi agyina ano;
sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a,
anka mɛtumi de me ho ahinta no.
13 Nanso, ɛyɛ wo, ɔdasani te sɛ me,
me yɔnko pa ne me mʼadamfo brɛboɔ,
14 a kane no na me ne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den
ɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no.
 
15 Ma owuo mmɛfa mʼatamfoɔ mpofirim;
ma wɔnkɔ damena mu anikann,
ɛfiri sɛ bɔne te wɔn mu.
 
16 Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn,
na Awurade gye me nkwa.
17 Anwummerɛ, anɔpa ne awia,
mede mmɔborɔnne su frɛ no,
na ɔte me nne.
18 Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim
wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu,
mpo bebree na wɔko tia me.
19 Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no,
ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn,
ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan da
na wɔnsuro Onyankopɔn nso.
 
20 Me yɔnko to hyɛ ne nnamfonom so;
na ɔbu nʼapam so.
21 Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ,
nanso ɔtan wɔ nʼakomam.
Nʼano asɛm dwodwo sene ngo,
nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe.
 
22 Fa wo haw to Awurade so
na ɔno na ɔbɛgye wo;
ɔremma ɔteneneeni nhwe ase.
23 Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase
ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu;
mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ
renni wɔn nkwanna mu fa.
 
Me deɛ, mede me ho to wo so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.”