Dwom 59
Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Ɛnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Saulo soma kɔwɛn Dawid fie sɛ wɔbɛkum no.
Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam;
bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho.
Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam.
Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.
 
Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me
akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me
a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade.
Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so.
Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu!
Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn,
ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso;
nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ.
 
Wɔsane ba anwummerɛ,
wɔpɔ so sɛ nkraman,
na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu,
wɔfe akofena firi wɔn anomu
na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”?
Nanso, wo Awurade, wosere wɔn;
wodi saa aman no nyinaa ho fɛw.
 
Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo;
wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,
10 me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.
 
Onyankopɔn bɛdi mʼanim
na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa.
11 Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm,
na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn.
Wo tumi mu no ma wɔnnantenante,
na brɛ wɔn ase.
12 Bɔne a ɛfiri wɔn anomu,
ne wɔn ano nsɛm enti
ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn.
Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti,
13 sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu,
kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre.
Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu
sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
 
14 Wɔsane ba anwummerɛ,
wɔpɔ so sɛ nkraman
na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
15 Wɔkyinkyini pɛ aduane
na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.
16 Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom,
mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa;
ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ,
mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu.
 
17 Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo;
wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.”