Dwom 66
Dawid dwom.
Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn!
Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom;
momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ!
Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa
wo tumi so
na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim.
Asase nyinaa koto wo;
wɔto ayɛyi dwom ma wo,
wɔto dwom kamfo wo din.”
Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ;
anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.
Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee;
wɔnante twaa asuo no.
Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.
Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa,
na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.
Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no.
Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn,
momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.
Wahwɛ yɛn nkwa so
na wamma yɛn nan anwatiri.
10 Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ;
na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ.
11 Wode yɛn kɔguu nneduadan mu
na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.
12 Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so;
yɛfaa ogya ne nsuo mu,
nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so.
 
13 Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu
na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so,
14 ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ
ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no.
15 Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo
nnwennini ayɛyɛdeɛ;
mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.
 
16 Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa;
momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo.
17 Mede mʼano su frɛɛ no;
na me tɛkrɛma yii no ayɛ.
18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a,
anka Awurade antie me.
19 Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me,
wate me mpaeɛbɔ.
20 Nhyira nka Onyankopɔn,
a wampo me mpaeɛbɔ
na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.