Dwom 76
Asaf dwom.
Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda;
ne din so wɔ Israel.
Ne ntomadan si Salem,
ne tenaberɛ wɔ Sion.
Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya,
ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu.
 
Wo ho hann no hyerɛn,
na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no.
Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma,
wɔadeda awufoɔ nna;
na akofoɔ no mu baako mpo
ntumi mpagya ne nsa.
Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no
apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.
Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ.
Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim?
Wobuu atɛn firii soro,
asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,
ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn,
de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so.
10 Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo,
na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.
 
11 Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no bɔ na monni so;
momma nsase a atwa ne ho ahyia
mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no.
12 Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase;
na asase so ahemfo suro no.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun.