12
Nnɔmmarima Kɔka Dawid Akodɔm Ho
Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu. Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu.
 
Na deɛ ɔtua wɔn ano yɛ Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ:
Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet;
Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot; Ismaia a ɔfiri Gibeon, ɔkofoɔ kɛseɛ ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu;
Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wɔfiri Gedera; Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ɔfiri Harif;
Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafoɔ;
Yoela, Sebadia, Yeroham mmammarima a wɔfiri Gedor.
 
Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu wɔ ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini wɔ nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔ so atwe.
 
Eser na na ɔtua wɔn ano.
Obadia yɛ abadiakyire.
Eliab na ɔtɔ so mmiɛnsa.
10 Deɛ ɔtɔ so ɛnan ne Mismana.
Deɛ ɔtɔ so enum ne Yeremia.
11 Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson.
12 Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron.
13 Yeremia tɔ so edu, Makbanai tɔ so dubaako.
 
14 Saa nnɔmmarima a wɔfiri Gad yi yɛ asahene. Deɛ ɔnyɛ den koraa no, ɔtumi ne asraafoɔ ɔha ko, ɛnna deɛ ɔyɛ den no tumi ne asraafoɔ apem ko. 15 Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so wɔ nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii hɔ.
16 Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ abanbɔeɛ hɔ. 17 Dawid kɔhyiaa wɔn kaa sɛ, “Sɛ moaba asomdwoeɛ so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebɛyi me ama mʼatamfoɔ wɔ ɛberɛ a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Onyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
18 Na honhom no sii Amasai a akyire no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panin no so, na ɔkaa sɛ,
“Yɛyɛ wo dea, Dawid!
Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba;
Asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ nyɛ wo kyɛfa
na wʼaboafoɔ nyinaa nnya nkɔsoɔ,
ɛfiri sɛ, wo Onyankopɔn ne deɛ ɔboa wo.”
Enti, Dawid maa wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu.
19 Manase mmarima no bi tee wɔn ho kɔdɔmm Dawid wɔ ɛberɛ a na ɔne Filistifoɔ no rekɔko atia Saulo no. Nanso, asɛm no ani daneeɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wɔdwendwenee ho ara no, wɔmaa wɔsanee wɔn akyi kaa sɛ, “Sɛ Dawid dane nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde bɛtwa so.” 20 Manase mmarima a wɔwae kɔɔ Dawid afa wɔ ɛberɛ a na ɔresane akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da akodɔm apem ano. 21 Wɔboaa Dawid maa ɔtaa afomfafoɔ no, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ akokoɔdurufoɔ ne akofoɔ akɛseɛ a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakodɔm mu. 22 Adekyeeɛ biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kɔsii sɛ ɔnyaa asraadɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn deɛ.
23 Yeinom ne akofoɔ akɛseɛ dodoɔ a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di ɔhene, sɛdeɛ Awurade ahyɛ ato hɔ no.
 
24 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nsia ne aha nwɔtwe a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
25 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nson ne ɔha.
26 Akodɔm a na wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɛnan ne ahansia (4,600). 27 Na Yehoiada a ɔtua Aaron abusua no ano no wɔ akodɔm mpem mmiɛnsa ne ahanson (3,700) a wɔhyɛ nʼase. 28 Saa ara nso na na Sadok, ɔbabunu ɔkofoɔ kɛseɛ ne nʼabusuafoɔ aduonu mmienu a wɔn nyinaa yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ ka ho.
29 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem mmiɛnsa (3,000). Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara.
30 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Efraim abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu ne aha nwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye edin wɔ nʼabusua mu.
31 Manase abusuakuo fa a na ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nso, wɔtuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi ɔhene.
32 Ntuanofoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo mu ne wɔn abusuafoɔ dodoɔ yɛ ahanu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa ɛberɛ no ase, na wɔnim ɛkwan pa a ɛyɛ ma Israel nso.
33 Akofoɔ a wɔakwadare akodie mu a wɔfiri Sebulon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodie, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.
34 Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem (1,000) ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson (37,000) a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
35 Akofoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu nwɔtwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
36 Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
37 Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa.
 
38 Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.
 
Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene. 39 Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri sɛ, na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan. 40 Nnipa bi a wɔfiri akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so.