16
Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn anim. Dawid wieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade din mu. Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam.
Dawid yii saa Lewifoɔ yi sɛ wɔnni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no. Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntotorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
Dawid Aseda Dwom
Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ:
Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.
Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;
monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.
10 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.
11 Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.
 
12 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ,
ne nsɛnkyerɛnneɛ ne atemmuo a ɔbuiɛ.
13 Ao Israel mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,
Ao Yakob mma a wapa wɔn.
14 Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn;
nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.
 
15 Ɔkae nʼapam daa nyinaa,
asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no.
16 Yei ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ
ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.
17 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,
de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;
18 “Mede Kanaan asase no bɛma wo
sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”
 
19 Ɔkaa yei wɔ ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,
ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.
20 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so,
firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.
21 Nanso, wamma obi anhyɛ wɔn so;
wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ;
22 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,
na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”
 
23 Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade!
Ɛda biara mompae mu nka asɛmpa no sɛ ɔgye nkwa.
24 Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu.
Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara.
 
25  Awurade yɛ kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie!
Ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.
26 Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,
nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!
27 Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,
ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenaeɛ.
 
28 Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,
momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.
29 Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade!
Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no.
Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.
30 Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.
Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim.
 
31 Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho!
Momma aman nyinaa nte sɛ, “Awurade yɛ ɔhene!”
32 Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no.
Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue.
33 Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ
nyɛ ayɛyie Awurade anim!
Ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn.
 
34 Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ
na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
35 Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!
Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam,
na yɛatumi ada wo din kronkron ase,
na yɛadi ahurisie akamfo wo.”
36 Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,
ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.
Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.
Yerusalem Ne Gibeon Ɔsom
37 Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara. 38 Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.
39 Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom Awurade anim wɔ hɔ. 40 Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so. 41 Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ, wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔeɛ no tim hɔ daa.” 42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ.
43 Na nnipa no nyinaa sane kɔɔ wɔn afie mu. Dawid nso sane kɔɔ ne fie, kɔhyiraa ne fiefoɔ.