20
Wɔko Fa Raba
Asusɔ berɛ, afe mu ɛberɛ a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Amonfoɔ nkuro ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodie no mu no, wɔtuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa ɛberɛ no, na Dawid te akyire wɔ Yerusalem. Ɛberɛ a Dawid duruu Raba no, ɔtuu ɔhene no ahenkyɛ, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛ no na wɔde aboɔdemmoɔ abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid faa asadeɛ bebree firii kuro no mu. Ɔde Rabafoɔ no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɛwan, fatudadeɛ ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara na ɔhyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.
Wɔne Filistifoɔ Ko No
Yei akyi, ɔko sii wɔne Filistifoɔ ntam wɔ Geser. Ɔko no mu, Sibekai a ɔfiri Husa kumm Sipai a ɔyɛ ɔbrane no aseni. Enti wɔkaa Filistifoɔ no hyɛeɛ.
Ɔko foforɔ bi a wɔne Filistifoɔ koeɛ mu no, Yair babarima Elhanan kumm Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi pea nsa mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.
Ɔko foforɔ bi nso a wɔne Filistifoɔ koo wɔ Gat no, ɔbrane bi a ɔyɛ abrane asefoɔ no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no buu Israel animtia, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kumm no.
Na saa Filistifoɔ yi yɛ Gat abrane no asefoɔ nanso Dawid ne nʼakofoɔ kunkumm wɔn.