29
Asɔredan No Sie Ho Akyɛdeɛ
Afei, Ɔhene Dawid danee nʼani kyerɛɛ ɔmanfoɔ no kaa sɛ, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnni Israel so sɛ ɔhene foforɔ no da so yɛ abɔfra a ɔnni suahunu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a ɔbɛsi no nyɛ ɛdan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Onyankopɔn no ankasa dea. Mede deɛ metumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa deɛ mɛtumi anya nyinaa ano ama me Onyankopɔn Asɔredan no sie. Seesei, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, nnadeɛ ne nnua ne apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ, aboɔden agudeɛ ne abopa ne abohemaa ahodoɔ nyinaa pii wɔ hɔ. Na ɛsiane me ho a mede ama me Onyankopɔn Asɔredan no enti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɛdan no sie. Yeinom bɛka adansie no ho nneɛma a maboaboa ano, ama asɔredan kronkron no ho. Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro tɔno 112 ne dwetɛ a wɔahoa ho tɔno 262 a wɔde bɛgu adan no afasuo anim, ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfoɔ no bɛyɛ no. Afei, hwan na ɔbɛyi ne yam de nʼayɛyɛdeɛ ama Awurade ɛnnɛ?”
Na abusua ntuanofoɔ, Israel mmusuakuo ntuanofoɔ, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa firii ɔpɛ pa mu maeɛ. Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 188, sika ankasa ɔpedu, ɛnna dwetɛ bɛyɛ tɔno 375, kɔbere mfrafraeɛ bɛyɛ tɔno 675 ne nnadeɛ bɛyɛ tɔno 3,750, de boaa Asɔredan no sie. Wɔmaa aboɔdemmoɔ bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fie maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie.
Dawid Kamfo Awurade
10 Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ,
“Ao Awurade,
yɛn agya Israel Onyankopɔn,
ayɛyie nka wo daa nyinaa.
11 Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam,
nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade.
Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea,
Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo.
Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.
12 Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara,
ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ.
Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam
na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden.
13 Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase,
na yɛkamfo wo din kronkron no.
14 “Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada. 15 Yɛwɔ ha mmerɛ tiawa bi sɛ nsrahwɛfoɔ ne ahɔhoɔ wɔ asase a yɛn agyanom dii ɛkan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsumma a ɛtwam kɔ ntɛm so a wɔnhunu bio. 16 Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebɛsi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron animuonyam yi mpo firi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. 17 Me Onyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ yɛn akoma mu, na sɛ wohunu nokorɛdie wɔ mu a, wʼani gye. Wonim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, na mahwɛ ahunu sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ firi akoma pa ne anigyeɛ mu de wɔn akyɛdeɛ aba. 18 Ao, Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn, ma wo nkurɔfoɔ nyɛ ɔsetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa. 19 Ma me babarima Salomo akoma nyinaa mu ɔpɛ pa, na ɔnni wʼahyɛdeɛ, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na ɔnsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa yi.”
20 Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Monkamfo Awurade, mo Onyankopɔn!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, na wɔkoto buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.
Wɔsi Salomo Ɔhene
21 Adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, nnwennini apem ne nnwanmmaa anini apem bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔsane gyinaa Israel ananmu, de ɔnom afɔrebɔdeɛ pii ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ baeɛ. 22 Wɔde ahosɛpɛ didi nomee da no wɔ Awurade anim.
Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. 23 Na Salomo tenaa Awurade ahennwa no so sɛ nʼagya Dawid ɔnanmusini, na ɔkɔɔ so yie, na Israel nyinaa tiee no. 24 Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa, asahene ne Dawid mmammarima nyinaa suae kyerɛɛ ɔhene Salomo.
25 Na Awurade pagyaa Salomo maa Israelman no maa no nidie nwanwasoɔ, na ɔmaa Salomo ahonya ne animuonyam sene nʼagya.
Dawid Owuo
26 Enti, Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene. 27 Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔtenaa Hebron mfeɛ nson dii adeɛ, na mfeɛ aduasa mmiɛnsa nso, ɔtenaa Yerusalem. 28 Ɔtenaa ase kyɛree, nyinii yie, nyaa ahodeɛ ne animuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 29 Ɛfiri Ɔhene Dawid adedie ahyɛaseɛ de kɔsi nʼawieeɛ mu nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ agu ɔdehunufoɔ Samuel abakɔsɛm nwoma, odiyifoɔ Natan abakɔsɛm nwoma ne ɔdehunufoɔ Gad abakɔsɛm nwoma mu. 30 Nʼadedie mu akokoɔdurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahennie ahodoɔ a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔatwerɛ.