12
Misraim Tu Yuda So Sa
Rehoboam timiiɛ na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa Awurade mmara, na Israel nyinaa dii nʼakyi wɔ saa bɔne yi mu. Esiane sɛ na wɔnni Awurade nokorɛ no enti, afe a ɛtɔ so enum wɔ ɔhene Rehoboam adedie mu no, Misraimhene Sisak kɔto hyɛɛ Yerusalem so. Ɔde nteaseɛnam apem ahanu, apɔnkɔsotefoɔ ɔpeduosia ne anammɔntwa asraafoɔ a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ ka ho na ɛbaeɛ. Sisak dii Yudafoɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na ɔtu tenee sɛ ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem nso so.
Odiyifoɔ Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak enti, wɔadwane aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie! Moagya me enti, me nso meregya mo ama Sisak.”
Ɔhene no ne Israel mpanimfoɔ brɛɛ wɔn ho ase, kaa sɛ, “Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!”
Awurade hunuu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase enti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛre, mɛma wɔn ahomegyeɛ. Meremfa Sisak so nna mʼabufuo adi wɔ Yerusalem so. Nanso, wɔbɛyɛ nʼasomfoɔ sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sene sɛ wɔbɛsom ewiase ahemfo.”
Enti, Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaa agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ akokyɛm no nyinaa ka ho. 10 Akyire no, ɔhene Rehoboam de kɔbere mfrafraeɛ akokyɛm sii anan, na ɔde hyɛɛ wɔn a wɔwɛn no no panin nsa sɛ ɔnhwɛ so. 11 Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ, na wɔasane de akɔgu adekoradan a wɔwɛn no mu.
12 Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase enti, Awurade abufuo no firii ne so, enti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiedie kɔɔ so wɔ Yuda asase so.
Rehoboam Ahennie Tiawatwa
13 Ɔhene Rehoboam timiiɛ wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii ɔhene. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan baako. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔfiri Amon. 14 Na ɔyɛ ɔhene bɔne, ɛfiri sɛ, wamfa nʼakoma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyiri ɛkwan.
15 Wɔatwerɛ Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no wɔ odiyifoɔ Semaia nwoma ne nhunumuni Ido nwoma a ɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nwoma no fa bi mu. Ɛberɛ biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam. 16 Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.