16
Asa Ahennie Ɛnna A Ɛdi Akyire
Asa dii adeɛ mfeɛ aduasa nsia no, Israelhene Baasa kɔto hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ɔmpue mfiri ɔhene Asa Yudaman mu. Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfie hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho: “Ma yɛnyɛ apam sɛdeɛ wʼagya ne mʼagya yɛɛ apam no. Mede dwetɛ ne sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ rebrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.”
Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼasraafoɔ, kɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduane akoraeɛ nkuropɔn nyinaa so. Ɛberɛ a Israelhene Baasa tee deɛ ɛrekɔ so no, ɔgyaee Rama ho banbɔ dwumadie no. Enti, ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa, maa wɔbɛsoaa adansie aboɔ ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkuro Geba ne Mispa ho ban.
Saa ɛberɛ no mu, ɔdehunumuni Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagya Awurade wo Onyankopɔn enti, worentumi nni Aramhene akodɔm so. Wonkae deɛ ɛbaa Etiopiafoɔ no ne Libiafoɔ ne wɔn akodɔm dodoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ so no? Saa ɛberɛ no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa. Awurade aniwa kyini fa asase so baabiara, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn akoma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Ɛfiri ɛnnɛ, wobɛkɔ ɔko.”
10 Asa bo fuu Hanani yie sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa ɛberɛ no ara na Asa ahyɛ aseɛ rehyɛ ne nkurɔfoɔ no bi so.
Asa Ahennie Tiawatwa
11 Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ne Israel ahemfo nwoma no mu. 12 Nʼadedie mfeɛ aduasa nkron so no, yadeɛ huhu bi yɛɛ Asa nan. Yadeɛ no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyiri ɛkwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafoɔ mmoa. 13 Enti, nʼadedie mfeɛ aduanan baako so no, ɔwuiɛ. 14 Wɔsiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhwam ne sradehwam ho hwa ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ gyatanaa kɛseɛ bi de hyɛɛ no animuonyam.