Paulo Nwoma A
Ɔtwerɛ Kɔmaa
Romafoɔ
1
Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn. Wɔnam Onyankopɔn adiyifoɔ so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dada no mu. Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akɔkoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho. Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu. Ɛnam Kristo so enti na Onyankopɔn maa meyɛɛ ɔsomafoɔ maa Kristo, sɛdeɛ nnipa nyinaa nam gyidie so bɛyɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi.
 
Ɛno enti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no:
 
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
 
Aseda Mpaeɛ
Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru ewiase afanan nyinaa. Onyankopɔn a mede mʼakoma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa. 10 Ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara.
11 Ɛfiri sɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mɛhunu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. 12 Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den. 13 Me nuanom, monkae sɛ ɛberɛ biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛdeɛ mayɛ wɔ amanamanmufoɔ mu no.
14 Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie. 15 Ɛno enti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo.
16 Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso. 17 Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.
18 Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no. 19 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn akoma mu. 20 Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara.
21 Wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne anidie a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. 22 Wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ. 23 Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa somm wɔn.
24 Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso. 25 Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsomm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no. Amen.
26 Esiane saa enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwudeɛ. Na mpo wɔn mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa. 27 Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.
28 Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokorɛ no enti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom. 29 Amumuyɛ ahodoɔ nyinaa, bɔne, anibereɛ ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wɔdii nsekuro, 30 kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforɔ ho; wɔkyirii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomasoɔ. Na daa wɔdwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofoɔ asɛm. 31 Na wɔnni suban; na wɔnni wɔn bɔhyɛ so; na wɔnni ayamyɛ ne ahummɔborɔ ma afoforɔ. 32 Na wɔnim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owuo. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afideɛ no, na mmom, wɔpenee afoforɔ a wɔyɛɛ saa bɔne korɔ no ara bi no so.