14
Mommmu Atɛn
Sɛ obi gyidie sua wɔ mo mu a, monnye no; mo ne no nnnye deɛ nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnyeɛ. Obi gyidie ma ɔtumi di biribiara, nanso obi a ne gyidie sua no di afuomduane nko ara. Ɛnsɛ sɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri sɛ, Onyankopɔn agye no. Wo ne hwan a wobu obi ɔsomfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka sɛ wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛtumi ama wadi nkonim.
Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sene nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforɔ nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. Obiara a ɔbɛbu da bi kɛseɛ no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, ɛfiri sɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ saa wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase. Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho; sɛ yɛte ase a yɛte ase ma Awurade; na sɛ yɛwu a, yɛwu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yɛwu o, yɛyɛ Awurade deɛ. Na yei enti na Kristo wuiɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔnyaa nkwa sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔwura.
10 Na wo, afei, adɛn enti na wobu wo nua atɛn? Na wo, adɛn enti na wobu wo nua animtia? Yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. 11 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“ ‘Awurade ka sɛ, mete ase yi,
obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim;
na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’ ”
12 Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn.
13 Ɛno enti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atemmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu. 14 Ahotɔsoɔ a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mehunu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho nte. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho nte a, na saa onipa no na ɛho nte mma no. 15 Sɛ biribiara a wodi ha wo nua a, ɛnneɛ na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduane a wodi no nsɛe onipa a ne enti Kristo wuiɛ no. 16 Mma adeɛ a wobu sɛ ɛyɛ no nnye din bɔne. 17 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no nyɛ adidie ne ɔnom na mmom, ɛyɛ tenenee, asomdwoeɛ ne ahosɛpɛ a ɛwɔ Honhom Kronkron mu. 18 Obiara a ɔsom Kristo saa ɛkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.
19 Ɛno enti, ɛsɛ sɛ yɛtumi tena asomdwoeɛ mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidie a emu yɛ den. 20 Nnyina aduane so nsɛe deɛ Onyankopɔn ayɛ. Aduane biara yɛ aduane, nanso sɛ wodi aduane a ɛde ɔfoforɔ bɛkɔ bɔne mu a, ɛyɛ bɔne. 21 Ade tenenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wonwe ɛnam, nnom nsã anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua suntidua.
22 Deɛ wogye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne deɛ ɔyɛ nʼapɛdeɛ a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn. 23 Na sɛ ne tirim ntene no deɛ ɔdi ho a, sɛ ɔdi a, Onyankopɔn bu no atɛn, ɛfiri sɛ, deɛ ɔyɛ no mfiri gyidie mu. Biribiara a ɛmfiri gyidie mu no nso yɛ bɔne.