16
Nkyea
Mede yɛn nuabaa Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa. Monnye no Awurade din mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfoɔ yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Ɛfiri sɛ, waboa nnipa bebree ne me nso.
 
Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfoɔ wɔ Kristo Yesu mu a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa.
Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn.
Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.
Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso.
Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no.
Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia.
Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki.
10 Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no,
Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa.
11 Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Akristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie.
12 Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no.
Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.
13 Mekyea Rufo a wadi dwuma kɛseɛ Awurade som mu no. Mekyea Rufo maame a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.
14 Mekyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Akristofoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa.
15 Mekyea Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne Onyankopɔn manfoɔ a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.
16 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho mo ho.
Kristo asafo no nyinaa kyea mo.
 
17 Anuanom, metu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforɔ gyidie na wɔtia nkyerɛkyerɛ a moanya no yie; montwe mo ho mfiri wɔn ho. 18 Ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na ɛyɛ ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wɔnnim hwee. 19 Obiara ate gyidie a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno enti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani te wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.
 
20 Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Ɔbonsam wɔ mo nan ase.
 
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
 
21 Me yɔnko Timoteo se ɔkyea mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no nso kyea mo.
22 Me Tertio, a meyɛ ɔtwerɛfoɔ ma Paulo yi nso, mede Awurade din mekyea mo.
23 Gaio a asafo no hyia wɔ ne fie no nso kyea mo.
Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne yɛn nua Kwarto se wɔkyea mo. 24 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
 
25 Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no, 26 wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no. 27 Ɔno, Onyankopɔn nyansaboakwa na animuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.