Yohane Adiyisɛm
1
Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no. Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn.
 
Nkyea
Yohane,
 
Nkyea a ɔkyea asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no nie:
 
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom nson a wɔwɔ nʼahennwa anim, ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo.
 
 
Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu. Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ sɛ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.
Ɔnam omununkum mu reba.
Wɔn a wɔwɔɔ no pea no
ne obiara bɛhunu no.
Asase so nnipa nyinaa bɛsu no.
Ɛbɛba mu saa. Amen.
Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega* a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”
 
 
Mene Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri sɛ Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so. 10 Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ totorobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. 11 Ɛkaa sɛ, “Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”
12 Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson. 13 Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina. 14 Na ne tirinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre sɛ ogya. 15 Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowaa a wɔanane wɔ fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuworosoɔ a ano yɛ den. 16 Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia.
17 Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ. 18  Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso seesei mete ase daa daa. Mekura owuo ne asaman safoa.
19  “Enti afei twerɛ nneɛma a wohunu; deɛ wohunu no seesei ne deɛ ɛbɛba akyire no, twerɛ. 20  Nsoromma nson a wohunu wɔ me nsa nifa mu ne sika nkaneadua no nkyerɛaseɛ a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna nkaneadua nson no nso yɛ asafo nson no.”
* 1:8 1.8 Hela atwerɛdeɛ a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtwa toɔ. Onyankopɔn yɛ ahyɛaseɛ ne awieeɛ (21.6). 1:10 1.10 Yudafoɔ da a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan no. Wɔfrɛɛ da no saa, ɛfiri sɛ, saa da no na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Saa ɛda no ara nso na Akristofoɔ hyiaeɛ (Hwɛ Aso 20.7) na wɔgyegyee toɔ (Hwɛ 1 Ko 16.2).