15
Ɔyaredɔm
Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkura ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ. Afei, mehunuu biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a wɔde ogya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde agyiraeɛ asi ne din anan mu no so nkonim. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ ɛpo no ho a wɔkurakura asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no. Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ,
“Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn,
wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa
Amansanhene
Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ.
Hwan na ɔnsuro wo, Awurade?
Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ?
Wo nko na woyɛ kronkron.
Aman nyinaa bɛba
abɛsom wɔ wʼanim,
ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.”
Afei mehunuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a adanseɛ ntomadan si mu. Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so. Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma. Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.