21
Ɔsoro Foforɔ Ne Asase Foforɔ
Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane ɔsoro ne kane asase no atwam, na ɛpo nso nni hɔ bio. Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu. Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn. Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni hɔ bio. Na kane nneɛma no atwam.”
Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.”
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa. Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no. Ɛno ne owuprenu no.”
Yerusalem Foforɔ No
Abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Odwammaa no yere no.” 10 Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resiane aba fam. 11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te sɛ ahwehwɛ. 12 Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din. 13 Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ; mmiɛnsa wɔ anafoɔ; mmiɛnsa wɔ atifi ɛnna mmiɛnsa wɔ atɔeɛ. 14 Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so.
15 Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo. 16 Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. 17 Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia. 18 Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toeɛ. 19 Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi ɛkan yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu yɛ aboɔdemmoɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ. Fapem a ɛtɔ so ɛnan yɛ ahahammonoboɔ. 20 Fapem a ɛtɔ so enum yɛ ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibirieboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so edu yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako yɛ wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu yɛ beredumboɔ. 21 Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ yɛ sika amapa kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.
22 Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. 23 Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ. 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahodeɛ bɛba hɔ. 25 Wɔntoto kuro no apono mu. Ɛda biara ano da hɔ. Ɛfiri sɛ, esum nnuru wɔ hɔ. 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu. 27 Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.