7
Onyankopɔn Asomfoɔ Kann
Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne ɛpo so ne baabiara. Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyiraeɛ.” Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu.
 
Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Simeon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Lewi abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Isakar abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).
Nnipakuo
Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ. 10 Wɔteaam sɛ,
“Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn
a ɔte ahennwa no so
ne Odwammaa no.”
11 Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn 12 kaa sɛ,
“Amen!
Nhyira ne animuonyam
ne nyansa ne aseda ne anidie
ne tumi ne ahoɔden
yɛ Onyankopɔn dea daa daa.
Amen!”
13 Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?”
14 Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.”
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa. 15 Na ɛno enti na,
“wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim
a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi.
Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no
bɛbɔ wɔn ho ban.
16 Sukɔm renne wɔn bio;
ɛkɔm renne wɔn bio.
Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio.
17 Ɛfiri sɛ, Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no
bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ
de wɔn akɔ nkwa asutire ho.
Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa.”