9
Totorobɛnto A Ɛtɔ So Enum
Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hyɛnee ne totorobɛnto. Mehunuu nsoromma a wate firi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebunu a ase nni awieeɛ safoa. Nsoromma no buee ebunu no, na wisie kumɔnn firii mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wisie no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. Mmoadabi firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ anyanyankyerɛ. Wɔama wɔn ansɛe ɛserɛ anaa nnua anaa afifideɛ biara, na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔano no bi nni wɔn moma so no deɛ, wɔmaa wɔn twee wɔn aso. Wɔamma saa mmoadabi no ɛkwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn ɛkwan sɛ wɔnha wɔn abosome enum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yea no te sɛ nyanyankyerɛ deɛ. Saa abosome enum no mu no, saa nnipa no bɛpere owuo, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wɔwu, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn nkyɛn.
Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se. Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. 10 Wɔwɔ borɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ. Na wɔn dua no enti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome enum no. 11 Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ bunu no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” ɛnna Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion”, a nʼasekyerɛ ne “Ɔsɛefoɔ.”
12 Ɔhaw baako atwam. Yei akyi, ɔhaw mmienu bi bɛba.
Ahohommɔne Ɛnan No
13 Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a ɛsi Onyankopɔn anim no ntweaso nyinaa. 14 Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkura totorobɛnto no sɛ, “Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn, Asubɔnten Eufrate ho no.” 15 Wɔsanesanee abɔfoɔ baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwereɛ yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afeɛ yi sɛ wɔnkunkum adasamma mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako. 16 Wɔdii akodɔm ɔpepem ahanu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodoɔ no ho amaneɛ maa meteeɛ.
17 Na mʼanisoadehunu no mu no, mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn kafoɔ. Na wɔn nkataboɔ no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm sɛ afasebire, ɛnna akokɔsradeɛ sɛ sɔfe. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti a ogya wisie ne sɔfe firi wɔn anom. 18 Saa ɔhaw ahodoɔ mmiɛnsa no a ɛyɛ ogya, wisie ne sɔfe no a ɛfiri apɔnkɔ no anom baeɛ no kumm adasamma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako. 19 Ɛfiri sɛ, na apɔnkɔ no tumi nyinaa firi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.
20 Adasamma a wɔkaeɛ no a ɔhaw no ankum wɔn no annu wɔn ho amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowaa ne aboɔ ne nnua a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnante no som. 21 Saa ara nso na wɔannu wɔn ho amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.