16
Samuel Sra Dawid Ngo
Awurade bisaa Samuel sɛ, “Woadi Saulo ho awerɛhoɔ sɛdeɛ ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel ɔhene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmammarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me ɔhene foforɔ.”
Samuel bisaa sɛ, “Mɛyɛ dɛn ayɛ yei? Sɛ Saulo te a ɔbɛkum me.”
Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa nantwie ba ka wo ho, na ka sɛ, maba sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmammarima no mu deɛ wobɛsra no ngo ama me.”
Samuel yɛɛ deɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɛberɛ a ɔduruu Betlehem no, ɛhɔ mpanimfoɔ no bɔɔ hu. Wɔbisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?”
Samuel buaa sɛ, “Aane, asomdwoeɛ mu. Merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. Monnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti, Samuel dwiraa Yisai ne ne mmammarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn afɔrebɔ no ase.
Wɔduruiɛ no, Samuel hunuu Eliab na ɔdwenee sɛ, “Ampa, deɛ Awurade asra noɔ no ni.”
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, ɛfiri sɛ, mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛdeɛ nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ deɛ aniwa hunu, na Awurade deɛ, ɔhwɛ akoma mu.”
Na Yisai frɛɛ Abinadab maa ɔtwaam Samuel anim. Nanso, Samuel kaa sɛ, “Yei nyɛ deɛ Awurade ayi no.” Yisai maa Sama twaam, nanso Samuel kaa sɛ, “Saa ara na Awurade nyii yei.” 10 Yisai maa ne mmammarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade nyii wɔn mu biara.” 11 Enti, ɔbisaa Yisai sɛ, “Mmammarima a wowɔ nyinaa ni anaa?”
Yisai buaa sɛ, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nnwan.”
Samuel kaa sɛ, “Soma na wɔnkɔfa no mmra seesei. Sɛ ɔmmaeɛ a, yɛrentena ase nnidi.”
12 Enti, Yisai soma ma wɔkɔfaa no baeɛ. Na ɔyɛ bɔkɔɔ a ahoɔfɛ adware no na nʼani yɛ fɛ.
Awurade kaa sɛ, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno nie.”
13 Enti, Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na, ɛfiri saa ɛda no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.
Dawid Som Wɔ Saulo Ahemfie
14 Saa ɛberɛ yi na Awurade honhom afiri Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛmaa ɔtenaa ase ehu ne suro mu.
15 Ɛbaa saa no, Saulo asomfoɔ no bi kyerɛɛ adwene bi sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ honhommɔne bi na ɛreha wo. 16 Sɛ saa a, ɛnneɛ, momma yɛmpɛ sankubɔfoɔ papa bi, na sɛ honhom no ba bɛha wo a, wabɔ nnwom ama wo. Sankuo so nnwom bɛdwodwo wo. Na ɛrenkyɛre, wo ho bɛtɔ wo bio.”
17 Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa. Monhwehwɛ sankubɔni papa bi na momfa no mmra ha.”
18 Asomfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Yisai a ɔfiri Betlehem babarima baako nim sankuo bɔ yie. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɔyɛ ɔkokoɔdurufoɔ hoɔdenfoɔ, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ, na Awurade ka ne ho.”
19 Enti, Saulo tuu abɔfoɔ kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ no brɛ me.” 20 Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyie ba ne afunumu a wɔahyehyɛ aduane ne nsã wɔ ne so ka ho.
21 Enti, Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yie, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodeɛkurafoɔ no mu baako. 22 Na Saulo too Yisai nkra sɛ, “Mesrɛ wo, ma Dawid mmɛka mʼadwumayɛfoɔ ho, ɛfiri sɛ, mepɛ nʼasɛm yie.”
23 Na ɛberɛ biara a honhommɔne a ɛfiri Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛha no no, Dawid bɔ sankuo no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ.