21
Dawid Dwane Saulo
Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?”
Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi. Afei, ɛdeɛn na ɛwɔ hɔ a mɛnya adi? Ma me burodo mua enum anaa biribiara a wowɔ.”
Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ, “Menni burodo teta yi bi wɔ ha. Burodo kronkron deɛ, ebi wɔ ha, nanso mede bɛma wo a, gye sɛ mmarima no ne mmaa bi nnaa nnansa yi.”
Dawid buaa sɛ, “Mma hwee nha wo. Sɛ me mmarima no kɔdi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmaa. Na sɛ wɔtena ase kronn wɔ akwantuo teta mu a, adɛn enti na saa dwumadie a ɛho hia yie yi, wɔntumi ntena kronnyɛ mu.” Na ɛsiane sɛ aduane foforɔ biara nni hɔ no enti, ɔsɔfoɔ no de burodo kronkron a wɔde burodohyew asi ananmu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid.
Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafoɔ panin no kɔdwiraa ne ho wɔ Awurade anim saa ɛda no.
Dawid bisaa Ahimelek sɛ, “Wowɔ pea anaa akofena? Ɔhene adwuma no ho hia a na ɛhia enti, mannya berɛ amfa akodeɛ biara.”
Ɔsɔfoɔ no buaa sɛ, “Akofena a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wokumm no wɔ Ela bɔnhwa mu no dea. Wɔde ntoma akyekyere ho da asɔfotadeɛ no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, ɛfiri sɛ, biribiara nni ha bio.” Dawid buaa sɛ, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.”
10 Na Dawid dwanee firi Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. 11 Nanso, na Akis mpanimfoɔ no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so ɔhene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asa ne nnwontoɔ so hyɛɛ no animuonyam sɛ, ‘Saulo akum ne mpempem na Dawid nso akum ɔpedupedu no?’ ”
12 Dawid tee saa akekakeka yi no, ɔsuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. 13 Ɛno enti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ, ɔwerɛwerɛɛ apono ho maa ntasuo tene faa nʼabɔgyesɛ mu. 14 Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Bɔdamfoɔ na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me? 15 Yɛwɔ pii wɔ ha dada! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me ɔhɔhoɔ?”