26
Bio, Dawid Ampɛ Sɛ Ɔbɛkum Saulo
Sififoɔ kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid akɔhinta ne ho wɔ Hakila bepɔ a ɛkyerɛ Yesimon no mu.”
Enti, Saulo yii nʼakodɔm mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif ɛserɛ so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. Saulo bɔɔ nʼatenaeɛ wɔ kwankyɛn wɔ ɛkwan a ɛbɛn Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu, baabi a Dawid akɔhinta hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti ɔsomaa akwansrafoɔ sɛ wɔn tetɛ no.
Dawid kɔpuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenaseɛ hɔ anadwo bi. Ɔhunuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ safohene adeda atenaeɛ no mu a asraafoɔ a wɔadeda atwa ne ho ahyia.
Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia* babarima Abisai, Yoab nua sɛ, “Hwan na ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ?”
Abisai buaa sɛ, “Me ne wo bɛkɔ.”
Enti, Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenaeɛ no mu a, ɔde ne pea apoma fam wɔ ne tiri ho pɛɛ. Na Abner ne asraafoɔ no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.
Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, Onyankopɔn ayi wo ɔtamfoɔ ahyɛ wo nsa. Enti, ma memfa me pea no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.”
Nanso, Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Dabi, nsɛe no. Hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na ɔnni ho fɔ? 10 Nokorɛ nie, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ ɔbɛnyini na wawu. 11  Awurade mma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wonim biribi? Yɛbɛfa ne pea ne ne sukuruwa na yɛakɔ.”
12 Na Dawid faa pea no ne sukuruwa a ɛsi Saulo tiri ho no, na wɔkɔeɛ a obiara anhunu wɔn na wɔn mu biara nso annyane mpo. Na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ, Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.
13 Dawid foroo bepɔ a ɛne atenaeɛm hɔ di nhwɛanimu kɔsii sɛ ɔduruu baabi a bɔne bi ntumi nka no. 14 Ɔteaam frɛɛ Abner ne Saulo sɛ, “Sɔre oo! Abner.”
Abner bisaa sɛ, “Hwan nie?”
15 Dawid goroo ne ho sɛ, “Abner, woyɛ onipa kɛseɛ, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfoɔ bi wɔ? Na adɛn enti na woannwɛn wo wura, ɔhene no ɛberɛ a obi baa sɛ ɔrebɛkum no no? 16 Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owuo, ɛfiri sɛ, moantumi ammɔ mo wura, deɛ Awurade asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no wɔ he?”
17 Saulo tee Dawid nne enti ɔfrɛɛ sɛ, “Wo nie me ba Dawid?”
Na Dawid buaa no sɛ, “Nana, ɛyɛ me. 18 Adɛn enti na wotaa me? Ɛdeɛn na mayɛ? Me bɔne ne sɛn? 19 Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne ɔsomfoɔ, Nana. Sɛ Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma ɔnnye mʼafɔdeɛ. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛeɛ a, ɛnneɛ, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛeɛ no. Ɛfiri sɛ, moapam me afiri me fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfoɔ ntena, nsom sɛdeɛ ɛsɛ. 20 Menwu wɔ ananafoɔ asase so a ɛhɔ ne Awurade anim ɛkwan ware anaa? Adɛn enti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ edwie baako pɛ? Adɛn enti na mokɔ me atwee sɛdeɛ ɔbɔfoɔ kɔ ha pɛ akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ so?”
21 Ɛnna Saulo kaa nokorɛ sɛ, “Mayɛ bɔne. Sane bra fie, me ba na merenha wo bio, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Mayɛ nkwaseadeɛ na mafom yie.”
22 Dawid buaa sɛ, “Ao, ɔhene, wo pea nie. Ma wo mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛgye. 23  Awurade na ɔma papayɛ ne nokorɛdie so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mɛkum wo, ɛfiri sɛ woyɛ obi a Awurade asra no. 24 Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛdeɛ wo deɛ asom me bo ɛnnɛ yi. Ɔnnye me mfiri me haw nyinaa mu.”
25 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninneɛ ne nkonimdini kɛseɛ.”
Na Dawid kɔeɛ ɛna Saulo nso kɔɔ efie.
* 26:6 26.6 Na Seruia yɛ Dawid nuabaa panin (1 Be 2.16). Ɛno enti na Abisai yɛ ne wɔfaase te sɛ deɛ Yoab (a ɔyɛɛ Dawid Sahene) ne Asahei no.