28
Saulo Kɔ Abisa
Saa ɛberɛ no mu, Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.”
Dawid penee so sɛ, “Ɛyɛ pa ara, woankasa bɛhunu deɛ yɛbɛtumi ayɛ.”
Akis kaa sɛ, “Mɛyɛ wo me hobanbɔfoɔ afebɔɔ.”
Saa ɛberɛ yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwoɔ. Wɔsiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa ɛberɛ no, na Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ afiri asase no so.
Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano, kyeree sraban wɔ Sunem. Ɛnna Saulo nso boaboaa Israelfoɔ no nyinaa ano, kyeree sraban wɔ Gilboa. Ɛberɛ a Saulo hunuu Filistifoɔ akodɔm dodoɔ no, ɔsuroeɛ, maa ehu bɛhyɛɛ nʼakoma ma. Ɔbisaa Awurade deɛ ɔnyɛ nanso Awurade ammua no, wɔ adaeɛsoɔ anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifoɔ so. Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufoɔ sɛ, “Monhwehwɛ ɔbaa samanfrɛfoɔ bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.”
Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Ɔbaa samanfrɛfoɔ bi wɔ Endor.”
Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?”
Ɔbaa no bisaa sɛ, “Wopɛ sɛ wɔkum me anaa? Wonim sɛ Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?”
10 Saulo de Awurade din kaa no ntam sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ yei ho da.”
11 Afei, ɔbaa no bisaa sɛ, “Hwan na memfrɛ no mma wo?”
Ɔbuaa sɛ, “Frɛ Samuel ma me.”
12 Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “woadaadaa me! Wone Saulo!”
13 Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro. Ɛdeɛbɛn na wohunu?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Mehunu honhom bi sɛ apue afiri fam reba.”
14 Saulo bisaa sɛ, “Ɔte sɛn?”
Ɔbuaa sɛ, “Akɔkoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.”
Ɛhɔ na Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Samuel enti, ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuu fam.
15 Samuel bisaa sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me de ha me saa?”
Saulo buaa sɛ, “Ɛfiri sɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifoɔ de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agya me. Mente ne nka wɔ adiyifoɔ nkyɛn anaa daeɛso mu. Enti, mafrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.”
16 Na Samuel buaa sɛ, “Sɛ Awurade agya wo, abɛyɛ wo ɔtamfoɔ a, adɛn enti na worebisa me? 17  Awurade ayɛ deɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wagye ahennie no afiri wo nsam de ama Dawid a ɔne wo resi akan. 18  Awurade ayɛ saa, ɛfiri sɛ, woanni ne mmara a ɛfa Amalekfoɔ ho no so. 19 Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafodɔm nyinaa bɛma Filistifoɔ, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. Awurade bɛma Israel akodɔm no nyinaa adi nkoguo.”
20 Samuel nsɛm a Saulo teeɛ no enti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam tim. Afei nso, na ɔnni ahoɔden biara, ɛfiri sɛ, na ɔnnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.
21 Ɔbaa no hunuu adwenem haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisadeɛ. 22 Enti, yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛdeɛ ɛbɛma woanya ahoɔden, asane akɔ wʼakyi.”
23 Nanso, Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ ɔnnidi. Enti, akyire yi, ɔpenee so sɔre firi fam hɔ, tenaa akonnwa so.
24 Na ɔbaa no ayɛn nantwie ba ama wadɔre sradeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔkumm no, na ɔfɔɔ asikyiresiam, fɔtɔeɛ de too apiti. 25 Ɔde aduane no bɛsii Saulo ne ne mmarima no anim, ma wɔdiiɛ. Na wɔfirii hɔ kɔɔ anadwo no.