20
Seba Adɔnyɛ
Ntɔkwapɛni bi a wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ɔfiri Benyamin babarima, hyɛnee totorobɛnto teaam sɛ,
“Yɛne Dawid nni hwee yɛ.
Yɛnni agyapadeɛ biara wɔ Yisai babarima no nkyɛn.
Israel mmarima, mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!”
Enti, Israel mmarima gyaa Dawid hɔ, kɔdii Seba akyi. Nanso, Yuda mmarima no deɛ, wɔtenaa wɔn ɔhene nkyɛn, na wɔwowaa no firi Asubɔnten Yordan ho, kɔsii Yerusalem.
Ɛberɛ a ɔduruu nʼahemfie hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenafoɔ edu a ɔgyaa wɔn no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kɔkoam baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, nanso ɔne wɔn nna bio. Enti, wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafoɔ, kɔsii ne wuda.
Ɔhene no hyɛɛ Amasa sɛ ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda akodɔm ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa ɛberɛ no mu. Enti, Amasa kɔbɔɔ akodɔm no amaneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no.
Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Saa ntɔkwapɛni Seba no rebɛha yɛn asene sɛ deɛ Absalom haa yɛn no. Ntɛm, fa mʼakodɔm no, na taa ne so ansa na wabɔ ne ho adwaa wɔ abanbɔeɛ nkuro no mu baabi a yɛn nsa renka no.” Enti, Abisai ne Yoab yiyii awɛmfoɔ a wɔdi mu firii Yoab akodɔm ne ɔhene no ankasa deɛ mu de tii Seba.
Na wɔduruu Gibeon ɔbo kɛseɛ no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotadeɛ a ɔde akofena abɔ nʼataaso. Ɔtuu nten kɔɔ nʼanim sɛ, ɔrekɔkyea Amasa pɛ, ɔyɛɛ nwaa twee akofena no firii bɔha mu. Yoab bisaa no sɛ, “Me nua, wo ho te sɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ nʼabɔgyesɛ mu, sɛ deɛ ɔrefe nʼano. 10 Amasa anhunu sɛ akofena no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de akofena no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia sɛ Yoab bɛtia ne so koraa, na Amasa wuiɛ. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaa no hɔ, toaa so tii Bikri babarima Seba.
11 Yoab akodɔm no mu aberanteɛ a ɔyɛ panin wɔ akodɔm no so no mu baako teaam kyerɛɛ Amasa akodɔm no sɛ, “Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ɔmmɛdi Yoab akyi.” 12 Amasa daa ne mogyabura mu, wɔ ɛkwan no mfimfini. Na ɔbarima no hunuu sɛ akodɔm no aduru hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no firii ɛkwan no mu, de no too wiram, de atadeɛ kataa ne so. 13 Wɔyii Amasa firii ɛkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi sɛ wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba.
14 Saa ɛberɛ no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fiefoɔ Bikrifoɔ ano wɔ Abel-Bet-Maaka. 15 Yoab akodɔm no duruu hɔ no, wɔto hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wɔsisii epie wɔ kuro no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban firii atamfoɔ ho na wɔpempem afasuo no, pɛɛ sɛ wɔdwiri guo. 16 Na ɔbaa nyansafoɔ bi teaam firi kuro no mu sɛ, “Montie! Montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ, ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.” 17 Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?”
Ɔbuaa sɛ, “Aane.”
Ɔkaa sɛ, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.”
Ɔbuaa sɛ, “Meretie.”
18 Ɔkaa sɛ, “Tete no, na yɛka sɛ ‘Yɛrekɔpɛ afotuo wɔ Abel.’ 19 Yɛpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ wɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kuro a adi nokorɛ wɔ Israel. Adɛn enti na wopɛ sɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?”
20 Yoab buaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mesɛe wo kuropɔn. 21 Deɛ merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ɔfiri Efraim bepɔ so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mɛfiri kuro no mu.”
Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Wɔbɛto ne ti afiri ɔfasuo no so ama wo.”
22 Afei, ɔbaa no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wɔtwaa Bikri babarima Seba ti, to maa Yoab. Enti, ɔhyɛnee totorobɛnto, maa ne mmarima no bɔ hweteeɛ, maa obiara kɔɔ ne fie. Na Yoab sane kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
23 Yoab bɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene bio.
Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene banbɔfoɔ so panin.
24 Adorinam na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so,
na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima twerɛ ahemfo ho abakɔsɛm.
25 Na Sewa yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ.
Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfoɔ.
26 Ɛnna Yairini Ira nso yɛ Dawid ɔsɔfoɔ.