3
Asafo Mpanimfoɔ
Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanin a, na wafa adwuma pa. Asafopanin yɛ obi a mfomsoɔ nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɔgye ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔkyerɛkyerɛ nso. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefoɔ. Ɛsɛ sɛ ɔtumi hwɛ ne fiefoɔ so yie na ɔtumi ma ne mma yɛ ɔsetie de obuo ne anidie ma no. Na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔhwɛ ne fie so yie a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so? Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahunu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomasoɔ ama wɔabu no atɛn sɛdeɛ wɔbuu ɔbonsam atɛn no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifoɔ no mpo de anidie ma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afidie renyi no.
Asafo Mu Aboafoɔ
Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafoɔ nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wɔdi nokorɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã pii anaasɛ wɔyɛ aniberefoɔ. Ɛsɛ sɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokorɛ no ne gyidie no. 10 Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wɔdi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom.
11 Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wɔnni nsekuro. Biribiara mu ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokorɛ.
12 Ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔboafoɔ no wɔ yere baako na afei ɔtumi hwɛ ne mma ne ne fiefoɔ yie. 13 Wɔn a wɔsom yie no bɛnya nnyinaso pa, na wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.
14 Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn. 15 Na sɛ mannuru wo nkyɛn ntɛm a, saa nwoma yi bɛma woahunu sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fie. Efie a ɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛyɛ nokorɛ no nnyinasoɔ. 16 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn:
Ɔbaeɛ onipa tebea mu,
Honhom no buu no bem,
na abɔfoɔ hunuu no,
wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu,
na ewiase gyee no diiɛ,
wɔfaa no kɔɔ ɔsoro animuonyam mu.