4
Paulo Afotuo
Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahennie no so hyɛ wo sɛ, ka asɛm no, na ɛberɛ biara gyina ne ka mu denden yi atɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu. Ɛberɛ bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom, wɔbɛdi wɔn ara wɔn asɛdeɛ akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfoɔ a wɔbɛka nsɛm a wɔrepɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. Wɔbɛpo nokorɛ no tie, na wɔatie anansesɛm. Nanso mmerɛ nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yie. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ.
Me deɛ, ɛberɛ aduru sɛ wɔde me bɔ afɔdeɛ. Ɛberɛ aso sɛ megya asetena yi. Me nkwa ayɛ sɛ hwiesa afɔrebɔ wɔ afɔrebukyia so. Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora. Adeɛ a ɛretwɛn me seesei ne nkonim akyɛdeɛ, tenenee abotire a Awurade a ɔyɛ tenenee ɔtemmufoɔ no de bɛma me da no. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa.
Nkyerɛkyerɛ A Ɛtwa Toɔ
Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10 Dema dɔɔ ɛnnɛ ewiase yi maa ɔyɛɛ saa dwane gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. 11 Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, ɛfiri sɛ, ɔbɛtumi aboa me adwuma no yɛ. 12 Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso. 13 Sɛ woreba a, fa mʼatadeɛ a megyaa wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a fa me nwoma no nso ka ho, ne titire no, deɛ wɔde aboa nwoma yɛeɛ no.
14 Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, haa me papaapa; deɛ ɔyɛeɛ no, Awurade bɛtua ne so ka. 15 Ɛyɛ a hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu dendeenden.
16 Ɛberɛ a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa dwane gyaa me. Onyankopɔn mmfa nntia wɔn. 17 Nanso, Awurade ne me tenaeɛ maa me ahoɔden maa metumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufoɔ maa wɔtieeɛ. Ɔgyee me firii gyata anom. 18 Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahennie no mu asomdwoeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen.
 
Nkradie A Ɛtwa Toɔ
19 Kyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ nyinaa ma me.
 
20 Erasto kaa Korinto ɛnna megyaa Trofimo wɔ Mileto, ɛfiri sɛ, na ɔyare. 21 Bɔ mmɔden bra ansa na awɔberɛ aduru.
 
Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyeakyea wo.
 
22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.