2
Nkyerɛkyerɛ Pa
Ɛsɛ sɛ wokyerɛ nkyerɛkyerɛ pa a wagye ato mu. Ka kyerɛ nkɔkoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafoɔ, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidie mu nyɛ den, wɔnnya ɔdɔ na wɔntumi ntena ɔhaw mu.
Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronn. Wɔnnni nsekuro na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnam so bɛtumi ama mmabaawa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma, ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefoɔ pa a wɔtie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.
Saa ara na hyɛ mmeranteɛ na wɔnnya ahohyɛsoɔ. Nneɛma nyinaa mu, fa wo ho yɛ nhwɛsoɔ pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokorɛ na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho. Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.
Ɛsɛ sɛ asomfoɔ tie wɔn wuranom na adeɛ nyinaa mu, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ wɔyiyi nsɛm ano 10 anaa wɔbɔ wɔn korɔno. Deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, ɛberɛ nyinaa mu, wɔyɛ papa na wɔdi nokorɛ na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de animuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho.
11 Onyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. 12 Na adom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho nteɛ no ne ewiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛsoɔ, kronnyɛ ne Onyamesuro mu wɔ ewiase ha. 13 Yɛwɔ anidasoɔ wɔ ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ animuonyam mu no. 14 Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn firii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn kronn de yɛn yɛɛ ne nko ara dea; nnipa a yɛpɛ papayɛ.
15 Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefoɔ nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmu wo abomfiaa.