11
Buebue wʼapono, Ao Lebanon,
na ogya mmɛhye wo ntweneduro!
Twa adwo wo pepeaa, na ntweneduro ahwe ase;
wɔasɛe nnua a ɛwɔ animuonyam no!
Twa adwo Basan adum;
wɔabubu kwaeɛbirentuo no mu nnua no!
Tie nnwanhwɛfoɔ agyaadwoɔ;
wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no!
Tie agyata no mmobom;
Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛfɛ no asɛe!
Nnwanhwɛfoɔ Mmienu
Yei ne deɛ Awurade me Onyankopɔn seɛ: “Fa nnwankuo a wɔrebɛku wɔn no kɔ adidibea. Atɔfoɔ no kunkumm nnwan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nnwan no ka sɛ, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefoɔ!’ Na nnwan no ahwɛfoɔ no mpo nnya ahummɔborɔ mma wɔn. Merenhunu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne ɔhene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfiri wɔn nsa mu.”
Enti mede nnwankuo a wɔrekɔkum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titire ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei, mefaa poma mmienu, na mefrɛɛ baako Adɔeɛ ɛnna baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidie. Ɔbosome baako mu, mepamoo nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa no.
Nnwankuo no ampɛ me, na wɔmaa me brɛeɛ na mekaa sɛ, “Merenyɛ mo hwɛfoɔ bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekye wɔn ho wɔn ho nwe.”
10 Afei, mefaa me poma a mefrɛ no Adɔeɛ no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no. 11 Wɔsɛee no ɛda no ara, na wɔn a wɔrehunu amane wɔ nnwankuo no mu a na wɔrehwɛ me no hunuu sɛ, ɛyɛ Awurade asɛm.
12 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ yie a, montua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wɔtuaa dwetɛ mpɔ aduasa maa me.*
13 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “To ma ɔnwomfoɔ no,” ɛboɔ a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔ aduasa no, na meto maa ɔnwomfoɔ a ɔwɔ Awurade fie mu no.
14 Afei, mebuu me poma a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.
15 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa odwanhwɛfoɔ kwasea no nneɛma no bio. 16 Na merebɛma odwanhwɛfoɔ bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ deɛ wayera. Ɔrempɛ nnwammaa akyiri ɛkwan, ɔrensa deɛ wapira yadeɛ, ɔremma deɛ ɔwɔ ahoɔden aduane, na mmom, ɔbɛwe nnwan a wadɔre no nam, na watwitwa wɔn tɔte.
17 “Nnome nka odwanhwɛfoɔ a ne ho nni mfasoɔ,
na ɔdwane gya nnwankuo no!
Akofena ntwa nʼabasa, ne nʼani nifa.
Nʼabasa no nwu koraa,
na nʼani nifa no mfira koraa!”
* 11:12 11.12 Dwetɛ mpɔ aduasa—Tete hɔ no, saa na na Israelfoɔ tɔ nkoa.