13
Bɔne Ho Ahodwira
“Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
“Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so. Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wowuo, ɛfiri sɛ, wode Awurade din atwa atorɔ.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan.
“Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa. Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’ Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ”
Wɔbɔ Odwanhwɛfoɔ No, Na Nnwan No Hwete
“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ,
tia onipa a ɔbɛn me!”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Bɔ odwanhwɛfoɔ no,
na nnwan no bɛbɔ ahwete,
na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.
Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu;
na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so.
Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu;
mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ,
na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.
Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,
na mɛgye wɔn so.
Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’
na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ”