2
Onipa A Ɔkura Susuhoma No
Afei memaa mʼani so, na mehunuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma sɛ ɔgyina mʼanim! Mebisaa no sɛ, “Ɛhe na worekɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Merekɔsusu Yerusalem, ahunu ne tɛtrɛtɛ ne ne tentene.”
Na ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no kɔɔeɛ, na ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyiaa no na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberanteɛ no sɛ, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a ɛnni afasuo ɛsiane nnipa ne mmoa dodoɔ a wɔwɔ mu enti. Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasuo, atwa ho ahyia,’ sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘na mayɛ ne mu animuonyam.’
“Mommra! Mommra! Monnwane mfiri atifi asase no so,” sɛ Awurade seɛ nie, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa ɛnan no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Mommra, Ao Sion! Monnwane mo a mote Babilonia!” Ɛfiri sɛ sei na Asafo Awurade seɛ, “Onimuonyamfoɔ no asoma me akɔtia aman a wɔafo wo nneɛma no. Ɛfiri sɛ, deɛ ɔde ne nsa bɛka wo biara no de nsa aka AWURADE aniwa kosua. Nokorɛm mɛma me nsa so de atia wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma woahunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me.
10 “Team na ma wʼani nnye, Ao, Ɔbabaa Sion. Ɛfiri sɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 11 “Aman bebree bɛka Awurade ho saa ɛda no na wɔabɛyɛ me nkurɔfoɔ. Me ne mo bɛtena, na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. 12  Awurade bɛfa Yuda sɛ nʼagyapadeɛ wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio. 13 Monyɛ komm wɔ Awurade anim, adasamma nyinaa, ɛfiri sɛ wakanyane ne ho wɔ nʼatenaeɛ kronkron hɔ.”