7
Atɛntenenee Ne Ahummɔborɔ Na Ɛnyɛ Mmuadadie
Ɔhene Dario adedie mfeɛ ɛnan so no, Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔbosome a ɛtɔ so nkron a wɔfrɛ no Kislew no ɛda ɛtɔ so ɛnan no mu. Na Bet-Elfoɔ asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade. Wɔmfa asɔfoɔ a wɔwɔ Asafo Awurade fie ne adiyifoɔ so mmisa sɛ, “Menkɔ so ntwa adwo, nni abuada wɔ ɔbosome a ɛtɔ so enum no mu, sɛdeɛ mayɛ no mfeɛ bebree a atwam no anaa?”
Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ aduɔson a atwam no, sɛ modi abuada na motwa adwo wɔ abosome enum ne nsom mu a, na ɛyɛ ampa sɛ me enti na modi abuada no anaa? Ɛberɛ a modidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani anaa? Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kane adiyifoɔ so paee mu kaaeɛ, wɔ ɛberɛ a Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoeɛ ne mpontuo no, ɛberɛ a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ no so anaa?’ ”
Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio: “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ, ‘Mommu atɛn a ɛyɛ nokorɛ na monnya ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ mma mo ho mo ho. 10 Monnhyɛ akunafoɔ, nwisiaa, ahɔhoɔ ne ahiafoɔ so. Monnnwene bɔne mo akoma mu mma mo ho mo ho.’
11 “Nanso wɔanntie; wɔde asobrakyeɛ danee wɔn akyi na wɔsisii wɔn aso. 12 Wɔyɛɛ wɔn akoma den sɛ twerɛboɔ, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kane adiyifoɔ no. Ɛno enti, Asafo Awurade bo fuu yie.
13 “ ‘Mefrɛeɛ no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 14 ‘Mede ntwahoframa bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ. Asase a wogyaaɛ no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sei na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛeɛ.’ ”