3
Yerusalem Daakye
Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔn
atuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi!
Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiara
ɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu.
Ɔmfa ne ho nto Awurade so.
Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn.
Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu,
ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo,
a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ.
Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan;
wɔyɛ afatwafoɔ.
Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi.
Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.
Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni;
ɔnnyɛ mfomsoɔ biara.
Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi,
na ɔnni hwammɔ da,
nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo.
“Masɛe amanaman;
madwiri wɔn abandenden agu.
Wɔn mmorɔno so adeda mpan,
a obiara ntwa mu hɔ.
Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn;
a obi biara renka.
Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ,
‘ampa ara wobɛsuro me
na woagye nteɛsoɔ ato mu!’
Na afei ne tenaberɛ rensɛe,
na mʼasotwe biara nso remma ne so.
Nanso, wɔn ho peree wɔn
sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.
Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ.
Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman
ne ahennie ano
na mahwie mʼabufuo agu wɔn so
mʼabufuhyeɛ nyinaa.
Me ninkuntwe abufuo ogya mu no,
asase nyinaa bɛhye.
 
“Afei mɛdwira nnipa no ano,
na wɔn nyinaa abɔ Awurade din
na wɔaka abɔ mu asom no.
10 Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no
bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa
de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.
11 Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase
wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho,
ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu,
wɔn a wodi ahantan mu ahurisie
na worenyɛ ahantan bio
wɔ me bepɔ kronkron no so.
12 Nanso mɛgya wɔ wo mu
wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,
na wɔde wɔn ho to Awurade so.
13 Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne
Wɔrenka nkontonpo nsɛm,
na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm
wɔbɛdidi na wɔada
na obiara renyi wɔn hu.”
 
14 To dwom Ao, Ɔbabaa Sion;
team denden Ao, Israel!
Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu,
Ao, Ɔbabaa Yerusalem!
15 Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so,
wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi.
Awurade Israelhene ka wo ho;
worensuro ɔhaw biara bio.
16 Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ,
“Mma nsuro, Ao Sion!
Mma wo nsa mu nhodwo.
17  Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,
Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.
Nʼani bɛgye wo ho
ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,
ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
 
18 “Mo awerɛhoɔ to bɛtwa
ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no;
mo anim rengu ase bio.
19 Saa ɛberɛ no me ne wɔn
a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi;
Mɛgye mmerɛyɛfoɔ
na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.
Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam
asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so.
20 Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano,
na mede wo aba fie.
Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo
wɔ asase so nnipa nyinaa mu
na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo
na wode wʼani bɛhunu,”
sɛdeɛ Awurade ka nie.