20
Otuatewfo Israel
Afe a ɛto so ason no, ɔsram anum no da a ɛto so du no, Israel mpanyimfo no mu bi bebisaa Awurade hɔ ade, na wɔtenatenaa mʼanim.
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moaba sɛ morebebisa me nkyɛn ade ana? Sɛ mete ase yi, meremma mo kwan ma mummisa me nkyɛn mmoa, Otumfo Awurade na ose.’
“Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwade a wɔyɛɛ no si wɔn anim na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a miyii Israel no, memaa me nsa so kaa ntam kyerɛɛ Yakobfi asefo, na miyii me ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Misraim. Memaa me nsa so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mene Awurade, mo Nyankopɔn.” Saa da no, mekaa wɔn ntam se meyi wɔn afi Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so, asase nyinaa mu nea ɛyɛ papa pa ara no. Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara ntow nsɛsode tantan a mode mo ani asi so no nkyene na mommfa Misraim ahoni no ngu mo ho fi, mene Awurade, mo Nyankopɔn.”
“ ‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantotow nsɛsode tantan no a wɔde wɔn ani asi so no angu na wɔannyae ahoni a efi Misraim no akyidi. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so de awie mʼabufuw wɔ wɔn so wɔ Misraim. Nanso me din nti meyɛɛ nea ɛremma wonngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a miyii me ho adi kyerɛɛ Israelfo wɔ mu, de yii wɔn fii Misraim no. 10 Enti midii wɔn anim fii Misraim, de wɔn baa sare no so. 11 Mede me nhyehyɛe maa wɔn na mema wohuu me mmara, efisɛ obiara a odi so no nam so benya nkwa. 12 Na mede me homenna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ yɛn ntam, sɛnea wobehu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron no.
13 “ ‘Nanso Israelfo tew mʼanim atua wɔ sare no so. Wɔanni me nhyehyɛe so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a obedi so no benya nkwa wɔ wɔn mu, na woguu me homenna ho fi koraa. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ sare no so. 14 Nanso me din nti, meyɛɛ nea ɛremma ho kwan ma wonngu me ho fi wɔ amanaman a miyii wɔn fii so no ani so. 15 Afei memaa me nsa so kaa ntam wɔ sare no so sɛ meremfa wɔn nnkɔ asase a mede ama wɔn no so, asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so, nsase nyinaa mu nea eye pa ara no, 16 efisɛ wɔpoo me mmara, wɔanni mʼahyɛde so na woguu me homenna ho fi, esiane sɛ na wɔn koma da wɔn ahoni no so nti. 17 Nanso mihuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn na mantɔre wɔn ase wɔ sare no so. 18 Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ sare no so se, “Munnni mo agyanom ahyɛde ne wɔn mmara so, na mommfa wɔn ahoni ngu mo ho fi. 19 Mene Awurade, mo Nyankopɔn; munni mʼahyɛde so na monhwɛ yiye nni me mmara so. 20 Monyɛ me homenna kronkron na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ me ne mo ntam. Afei mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn no.”
21 “ ‘Nanso mma no yɛɛ dɔm tiaa me. Wɔanni mʼahyɛde so, na wɔanhwɛ anni me mmara so; nea onipa di so a obenya nkwa no, woguu me homenna ho fi. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so de awie mʼabufuw a etia wɔn wɔ sare no so no. 22 Nanso metwentwɛn so, na me din nti, meyɛɛ nea ɛremma ho ngu fi wɔ aman a miyii wɔn fii so no ani so. 23 Memaa me nsa so kaa ntam wɔ sare no so se mɛhwete wɔn wɔ amanaman no so na mabɔ wɔn apansam wɔ nsase no so, 24 efisɛ wɔanni me mmara so, na mmom wɔpoo mʼahyɛde guu me homenna ho fi, na wɔn ani kodii wɔn agyanom ahoni akyi. 25 Enti memaa wɔn ahyɛde a enye ne mmara a ɛde asotwe mmom na ɛbɛba wɔn so, na ɛnyɛ nkwa; 26 memaa ho kwan ma wɔde wɔn ayɛyɛde a ɛyɛ wɔn abakan bɔɔ afɔre de guu wɔn ho fi, sɛnea mede ahodwiriw bɛhyɛ wɔn ma ama wɔahu sɛ mene Awurade.’
27 “Enti onipa ba, kasa kyerɛ Israelfo, ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo Awurade se ni: Na eyi mu nso, mo agyanom poo me na wɔnam so kaa abususɛm tiaa me: 28 Mede wɔn baa asase a maka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so no, wɔbɔɔ afɔre, yɛɛ afɔrebɔde maa koko biara a ɛkorɔn anaa dua biara a ɛso wɔ nhaban de hyɛɛ me abufuw; wɔde nnuhuam mae, na wohwiee ahwiesa maa wɔn. 29 Na mibisaa wɔn se: Ɛhe ne saa sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ yi?’ ” (Wɔfrɛ hɔ Bama de besi nnɛ.)
Otuatewfo Israel Gye
30 “Enti ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mubegu mo ho fi sɛnea mo agyanom yɛe, na mo kɔn dɔ wɔn ahoni atantan no ana? 31 Sɛ mode mo ayɛyɛde a ɛyɛ mo mmabarima bɔ afɔre wɔ ogya so ma mo ahoni a, na mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi besi nnɛ. Memma mommebisa me hɔ ade ana, Israelfi? Ampa ara sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, meremma mummmisa me hɔ ade.
32 “ ‘Moka se, “Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman no, te sɛ wiasefo a wɔsom nnua ne abo no.” Nanso nea ɛwɔ mo adwene mu no rensi da. 33 Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, Mede nsa a ɛyɛ den, basa a wɔateɛ mu ne abufuwhyew a wɔahwie agu bedi mo so. 34 Mede mo befi amanaman no so, na maboaboa mo ano afi nsase a wɔapete mo wɔ so no so; mede nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne abufuwhyew a wɔahwie agu na ɛbɛyɛ. 35 Mede mo bɛba amanaman no sare so, na hɔ na mebu mo atɛn anim ne anim. 36 Sɛnea mibuu mo agyanom atɛn wɔ Misraim sare so no, saa ara na mebu mo atɛn, Otumfo Awurade asɛm ni. 37 Mɛma moafa mʼabaa no ase na mahu mo yiye na mede mo aba apam no nkyehama ase. 38 Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwɔ mu sɛ meyi wɔn afi aman a wɔte so no mu, nanso wɔn anan rensi Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.
39 “ ‘Na mo de, Israelfi, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mo mu biara nkɔsom nʼahoni! Nanso akyiri no, mubetie me na moremfa mo ayɛyɛde ne ahoni ngu me din kronkron ho fi bio. 40 Efisɛ me bepɔw kronkron no so, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so, Otumfo Awurade na ose, hɔ wɔ asase no so na Israelfi nyinaa bɛsom me, na hɔ na mobɛsɔ mʼani. Ɛhɔ na mehia mo afɔrebɔde ne mo ayɛyɛde a edi mu no, aka mo afɔre kronkron no nyinaa ho. 41 Sɛ miyi mo fi amanaman no mu na meboaboa mo ano fi nsase a wɔbɔɔ mo petee so no so a, mobɛsɔ mʼani sɛ kurobow a eyi hua, afei mɛda me kronkronyɛ adi wɔ mo mu ama amanaman no ahu. 42 Sɛ mede mo ba Israel asase a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so a, na mubehu sɛ mene Awurade. 43 Ɛhɔ no, mobɛkae mo suban ne nneyɛe nyinaa a mode agu mo ho fi, na mo ho bɛyɛ mo nwini esiane amumɔyɛ a moayɛ no nyinaa nti. 44 Mubehu sɛ mene AWURADE no, bere a me ne mo di no sɛnea me din te na mmom ɛnyɛ sɛnea mo akwammɔne ne mo porɔwee nneyɛe no te, mo Israelfo, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”
Atemmu A Etia Anafo Fam
45  Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 46 “Onipa ba fa wʼani kyerɛ anafo fam, ka asɛm tia anafo fam na hyɛ nkɔm tia kwae a ɛwɔ anafo fam asase so. 47 Ka kyerɛ anafo fam kwae no se: ‘Tie Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛto wo mu gya, na ɛbɛhyew nnua a ɛwɔ wo so nyinaa: Nea ɛyɛ amono ne nea awo. Wɔrennum ogyaframa no na ɛbɛhyew asase no ani nyinaa; efi anafo fam kosi atifi fam. 48 Obiara behu sɛ me Awurade na masɔ ogya no ano; ɛrennum.’ ” 49 Afei mekae se, “Aa, Otumfo Awurade! Wɔka fa me ho se, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi ana?’ ”