21
Babilonia, Onyankopɔn Atemmu Afoa
Awurade asɛm baa me nkyɛn se “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Awurade se: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼafoa afi ne boha mu de ayi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu. Esiane sɛ merebeyi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu nti, mʼafoa befi ne boha mu atia obiara, fi anafo fam kosi atifi fam. Afei nnipa nyinaa behu sɛ me Awurade matwe mʼafoa afi ne boha mu na ɛrensan bio.’
“Enti si apini, onipa ba! Fa koma a abubu ne awerɛhow a ano yɛ den si apini wɔ wɔn anim. Na sɛ wobisa wo se, ‘Adɛn nti na woresi apini a?’ Wobɛka se, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no nti. Koma biara bɛbotow na nsa biara mu agugow, honhom biara bɛtɔ beraw na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɔkwan biara so ɛbɛba, Otumfo Awurade asɛm ni.”
Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se, ‘sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Afoa bi, afoa bi,
wɔasew ano, atwiw ho,
10 wɔasew ano ama akunkumakunkum no,
wɔatwiw ho ma etwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!
“ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛw yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempema ho ana? Afoa no mfa pema biara a ɛte saa no nyɛ hwee.
11 “ ‘Wɔayi afoa no asi hɔ sɛ wontwitwiw ho,
sɛ wɔmfa nsa nkura mu;
wɔasew ano, atwiw ho,
ayɛ no krado ama owudifo no.
12 Su na twa adwo, onipa ba,
efisɛ etia me nkurɔfo;
etia Israel mmapɔmma nyinaa.
Wɔagyaa wɔn ama afoa no
aka me nkurɔfo ho.
Enti fa wo nsa gu wo ti so.
13 “ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempema a afoa no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a dɛn na wɔbɛyɛ? Otumfo Awurade asɛm ni.’
14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm
na bɔ wo nsam.
Ma afoa no ntwitwa mprenu,
mpo mprɛnsa.
Ɛyɛ akunkumakunkum afoa,
akunkumakunkum kɛse no afoa,
a ɛba wɔn so fi afanan nyinaa.
15 Ɛbɛma koma nyinaa abotow
na atɔfo adɔɔso,
mede akunkumakunkum afoa no asisi
wɔn apon nyinaa ano.
Hwɛ! Wɔatono no sɛ entwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam,
wɔaso mu ama akunkumakunkum.
16 Wo afoa, twa kɔ nifa,
na twa kɔ benkum,
nea wo dade bɛfa biara.
17 Me nso, mɛbɔ me nsam,
na mʼabufuwhyew ano bedwo
Me Awurade na makasa no.”
18  Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 19 “Onipa ba, bɔ akwan abien na Babiloniahene afoa no mfa so, na ne abien no nyinaa mfi ase wɔ ɔman koro mu. Fa akwankyerɛde si nkwanta a ɛman kɔ kuropɔn no mu no so. 20 Bɔ ɔkwan baako a afoa no bɛfa so ako atia Amonfo Raba ne baako nso a ebetia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no. 21 Na Babiloniahene begyina akwan abien no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ, ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ mmrɛbo mu. 22 Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na hɔ na wɔbɛhyehyɛ oburuw adwennini, de ama okum kɛse no. Afei wɔde osebɔ bɛma oburuw nnua no so apempem apon no, wɔbɛyɛ mpempe na wɔasisi pampim. 23 Ɛbɛyɛ sɛ atoro nkɔm ama wɔn a wɔne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdi na wafa wɔn nnommum.
24 “Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfo yi nam mo atuatew so akae me mo afɔdi, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi, sɛ moayɛ eyi nti, wɔbɛfa mo nnommum.
25 “ ‘Wo ɔkɔntɔnkye ne Israel hene ba otirimɔdenfo a wo da adu, wo a wʼasotwe bere adu ne mpɔmpɔnso, 26 sɛɛ na Otumfo Awurade se: Tu abotiri no, yi ahenkyɛw no. Ɛrenyɛ sɛnea na ɛte kan no: Wɔbɛma nea abrɛ ase no so; nea ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase. 27 Ɔsɛe! Ɔsɛe! Mɛyɛ no ɔsɛe! Ɛrensi ne dedaw mu bio kosi sɛ ɔbɛba nea ɛyɛ ne de no nkyɛn, ɔno na mede bɛma no.’
28 “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa Amonfo ne wɔn ahohorabɔ ho:
“ ‘Afoa bi, afoa bi,
wɔatwe ama akunkumakunkum,
wɔatwiw ho sɛ enni nam
na ɛmpa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!
29 Atoro anisoadehu
ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no
wɔde bɛto wɔn kɔn mu
amumɔyɛfo a ɛsɛ sɛ wokum wɔn no,
wɔn a wɔn da no adu so,
ne wɔn a wɔn asotwe bere
adu ne mpɔmpɔnso no.
 
30 “ ‘San fa afoa no hyɛ ne boha mu
wɔ faako a wɔbɔɔ wo hɔ
wɔ wo nananom asase so,
mebu wo atɛn.
31 Mehwie mʼabufuwhyew agu wo so
na mahome mʼabufuw a ɛyɛ hu atia wo;
Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimɔdenfo nsa,
wɔn a wɔwɔ adesɛe ho nyansa.
32 Wobɛyɛ nnyansin ama ogya,
wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so,
na wɔrenkae wo bio;
me Awurade na makasa.’ ”