5
“Afei onipa ba, fa afoa nnamnam yi yɛ sɛ obi a oyi ti oyiwan na fa yi wo tinwi ne wʼabogyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu. Sɛ wo bere a wɔatua mo ano nna no ba awiei a, fa ogya hyew nwi no nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa afoa twitwa nkyɛmu abiɛsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ mframa mu, efisɛ mɛtwe afoa ataa wɔn. Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatade ano. Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na tow gu ogya mu na hyew. Ogya no bɛterɛw afi hɔ akɔ Israelfi nyinaa.
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Eyi ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia. Nanso nʼamumɔyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛe asen aman ne nsase a atwa ne ho ahyia no. Wapo me mmara na wanni mʼahyɛde so.
“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Woayɛ asoɔden asen amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛde anaa me mmara so no. Woanyɛ sɛnea aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo.
“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne woanya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim. Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwade no nti, mɛyɛ wo nea menyɛɛ bi da na merenyɛ bi bio nso da. 10 Enti mo mu no, agyanom bedi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkae akɔ mmaa nyinaa. 11 Enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, esiane sɛ wode nsɛsode tantan ne akyiwade nneyɛe agu me kronkronbea ho fi nti, mʼankasa meyi mʼadom afi wo so; merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. 12 Wo nkurɔfo no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bewuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɔkɔm bekunkum wɔn; nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ wʼafasu akyi na mabɔ nkyɛmu abiɛsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa na matwe afoa ataa wɔn.
13 “Afei me bo bedwo na mʼabufuwhyew a etia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuwhyew adi kyerɛ wɔn a, wobehu sɛ ɛyɛ me Awurade na makasa wɔ me tumi mu.
14 “Mɛyɛ wo nnwiriwii ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no ani so. 15 Wobɛyɛ ahohora ne fɛwdi, kɔkɔbɔ ne aninyanne ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, bere a mede abufuw ne abufuwhyew ne animka a ano yɛ den retwe wʼaso. Me Awurade na maka. 16 Sɛ metow me kɔm agyan a bɔre wɔ ano na ɛsɛe ade wɔ wo a, ɛbɛsɛe wo. Mede ɔkɔm a emu yɛ den bɛba wo so na masiw wʼaduan a wunya no ho kwan. 17 Mede ɔkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na onni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe afoa wɔ wo so. Me Awurade na maka.”