6
Nkɔmhyɛ A Etia Israel Mmepɔw
Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm tia wɔn, na ka se, ‘Mo Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, abon ne aku: Merebɛtwe mo so afoa na masɛe mo sorɔnsorɔmmea. Wobebubu mo afɔremuka ahorow no na wɔasɛe nnuhuam adum; na mekunkum mo nkurɔfo wɔ mo ahoni anim. Mede Israelfo afunu begu wɔn ahoni anim na mede mo nnompe apete mo afɔremuka ahorow ho. Baabiara a mote no, nkurow no bɛda mpan na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, na ama mo afɔremuka ahorow no ada mpan na ayɛ amamfo, mo ahoni abubu na asɛe, mo nnuhuam adum abubu agu fam, na nea moayɛ nso ahwere mo. Mo nkurɔfo bɛtotɔ wɔ mo mu, na mubehu sɛ mene Awurade.
“ ‘Nanso megyaw mo mu bi, efisɛ ebinom beguan afoa ano wɔ bere a moahwete wɔ nsase ne amanaman so. Na afei wɔn a woguan no bɛkae me wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, sɛnea madi awerɛhow wɔ wɔn aguamammɔ koma a wɔde twee wɔn ho fii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni no ho. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwini wɔ bɔne ne akyiwade a wɔayɛ no nti. 10 Wobehu sɛ mene Awurade na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.
11 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteɛ mu se, “A!” esiane Israel fi amumɔyɛ ne akyiwade nyinaa nti, wobewuwu afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano. 12 Ɔyaredɔm bekum nea ɔwɔ akyirikyiri. Nea ɔbɛn no bɛtɔ afoa ano na nea obefi mu na waka no, ɔkɔm bekum no. Saa na mede mʼabufuwhyew no bɛyɛ wɔn. 13 Na wobehu sɛ mene Awurade, bere a wɔn nkurɔfo a watotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, wɔ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔw atifi nyinaa ne nnua a adennan ne odum frɔmfrɔm ase, mmeaemmeae a wɔde nnuhuam bɔ afɔre ma wɔn ahoni nyinaa no. 14 Afei mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afi nweatam no akosi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wobehu sɛ mene Awurade.’ ”